Dɛn Nti na Abɔnefo Di Yiye?
“ADƐN nti na abɔnefo nya nkwa?” Ɔnokwafo Hiob bisaa saa asɛm yi bere tenten a atwam ni, na efi ne bere so no, wɔabisa mpɛn pii. Ebia ɛwɔ nnipa pii a wodi wɔn a wohu amane wɔ akodi a ɛyɛ hu bi mu ho yaw a wɔwɔ kan Yugoslavia nsase so (te sɛ ɔbea a ɔwɔ anim hɔ mfonini no mu) no adwene mu. Dɛn nti na abɔnefo nya nkwa na wodi yiye mpo? Sɛnea Hiob kae no, mpɛn pii no, “wɔn afi mu dwo, ehu bi nni mu, na Onyankopɔn abaa bi nni wɔn so.”—Hiob 21:7, 9.
So eyi kyerɛ sɛ mfaso biara nni so sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn, adɔ yɛn yɔnko, na yɛatwe yɛn ho afi bɔne ho? Ɛnte saa koraa! Bible no ma yɛn adwene a ɛfata bere a ɛka eyi no: “Mmɔ mmɔden sɛ wobɛsen amumɔyɛfo anaa wubesuasua wɔn a wɔyɛ bɔne. Efisɛ ɛnkyɛ na wɔakisa te sɛ sare, na wɔyera te sɛ wura momono a ɛba osutɔ bere mu. Fa wo ho to AWURADE so na yɛ papa.”—Dwom 37:1-3, The New English Bible.
Yiw, yiyedi a ɛte sɛ nea abɔnefo nya no tra hɔ bere tiaa bi pɛ. Nokwarem no, wɔn nkwa yɛ tiaa yiye, nanso wɔn a wɔsom Onyankopɔn no wɔ daakye ho anidaso a anuonyam wom. Ɛnkyɛ, Onyankopɔn bɔhyɛ yi bɛbam: “[Onyankopɔn bɛpopa] wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:4) Treneefo nkutoo, ɛnyɛ abɔnefo, na wobehu saa bere no. Hwɛ sɛnea ɛhyɛ yɛn nkuran ma yetwiw bɛn Onyankopɔn na yesua na yɛyɛ n’apɛde, a bɔne a wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia bɛyɛ mfa ho!
Sɛ wobɛpɛ sɛ wunya nsɛm afoforo ka ho anaasɛ wopɛ sɛ obi ne wo bɛyɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower Society, P. O. Box 760, Accra, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 2 no mu nea ɛfata.