Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 12/1 kr. 31
  • ‘Ne Nnwuma Di N’akyi’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ne Nnwuma Di N’akyi’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 12/1 kr. 31

‘Ne Nnwuma Di N’akyi’

GEORGE D. GANGAS wiee n’asase so dwumadi Yawda, July 28, 1994, anɔpa 8:50. Odii mfe 98. Ná George Gangas ka wɔn a wɔasra wɔn no ho, na na ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni fi October 15, 1971.

Ná wɔn a wonim Onua Gangas nyinaa nim sɛnea na ɔdɔ trenee na okyi amumɔyɛ no. Wɔkae sɛnea na ɔtaa ka Satan ho asɛm sɛ ɔyɛ ɔtorofo kɛse a ne ho yɛ hu, ne tirim yɛ den, ɔyɛ ɔdapaafo, na n’anim yɛ hare no yiye. Nea ɛne no bɔ abira no, ɔkaa Yehowa ho asɛm sɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ, ayamye, mmɔborohunu ne tema, na odwen yɛn ho. Nnipa pii nso kae sɛnea na n’ani gye Bible mu nsemmisa ho no. Ná ɔmma nkɔmmɔbɔ biara ntwam a ommisa nsɛm—nea na emu bi yɛ mmerɛw, na ebi nso gye adwene kakra. Nokwarem no, na ɔdɔ Bible mu nokware.

Wɔbɔɔ Onua Gangas asu July 15, 1921. Ofii ne bere nyinaa asɛnka adwuma (akwampae adwuma) no ase wɔ March 1928 mu. Enti, ɔyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mfe 66. Ɔbɛyɛɛ adwuma wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn no October 31, 1928.

N’asetra mu asɛm puei wɔ April 1, 1967 Ɔwɛn-Aban no mu. Ɛka Onyankopɔn nipa a ɔyɛ honhom muni ampa ho asɛm. Ɔkaa akomatɔyam asɛm a edi so yi wɔ saa asɛm no mu: “Medɔ nkwa, na mepɛ sɛ me nuanom nso nya nkwa. Me ne ɔsomafo Paulo bu nneɛma afoforo nyinaa sɛ ‘adehwere, m’Awurade Kristo Yesu ohu a ɛkyɛn so no nti.’”—Filipifo 3:8.

Nokware mu no, Onua Gangas de ne nneyɛe kyerɛe sɛ na ɔdɔ nkwa ankasa, na ɔde anigye kaa “Kristo Yesu ohu” ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Yɛn ani begyina no, nanso hwɛ sɛnea ɛyɛ yɛn anigye sɛ mprempren ne nsa aka ne soro akatua no! Afei ‘ɔbɛhome afi ne brɛ mu, efisɛ ne nnwuma di n’akyi.’—Adiyisɛm 14:13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena