Abawo ne Ɔko Anyamewa
BERE a wɔretutu fam ahwehwɛ tetefo nneɛma mu wɔ Ebla, Syria, no, wohuu Istar, Babilonfo awo ne ɔko nyamewa no honi bi. Paolo Matthiae a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no ka ho asɛm sɛ ɛyɛ “ade kurukuruwa teateaa bi a wɔakata ti ne ti a wɔayɛ abosonne agu ho a ɛma ɛyɛ te sɛ ɔkɔmfo bea bi a wakata n’anim a ogyina onyame bi a . . . ne ti tua kɔn teaa tenten bi so honi anim.”
Ade a wɔahu no ho hia, efisɛ wɔyɛɛ ohoni no afeha a ɛto so 18 A.Y.B. no mfiase hɔ. Sɛnea Matthiae kyerɛ no, eyi ma yenya “adanse a edi mũ” a ɛkyerɛ sɛ Istar som no dii bɛyɛ mfe 2,000.
Istar som no fii ase wɔ Babilon, na wɔ mfehaha pii a edii hɔ no mu no, ɛtrɛw kɔɔ Roma Ahemman no nyinaa mu. Yehowa hyɛɛ Israelfo no sɛ wonyi atoro som ho ade biara mfi Bɔhyɛ Asase no so, nanso esiane sɛ wɔanyɛ saa nti, Astoret (Kaananfo Istar hokafo no) som no sum wɔn afiri.—Deuteronomium 7:2, 5; Atemmufo 10:6.
Ɛwom sɛ Istar ne ne hokafo Astoret nni hɔ bio de, nanso nneɛma a na wogyina hɔ ma—ɔbrasɛe ne basabasayɛ—no abu so. Ɛfata sɛ yebisa sɛ ebia ɛnnɛ mma no yɛ soronko koraa wɔ tete aman a na wɔsom saa abawo ne ɔko anyamewa yi ho anaa.
[Kratafa 20 mfonini]
Wɔde mmofra nso bɔɔ afɔre maa Tanit
[Asɛm Fibea]
Ralph Crane/Bardo Museum