So Wokae?
Woasusuw Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no ho yiye? Ebia w’ani begye ho sɛ wobɛkaakae nea edidi so yi:
◻ Ɔkwan bɛn na obi fa so ‘ba Yesu nkyɛn’ ma ɛne nsa a ɔto frɛ yɛn wɔ Mateo 11:28 no hyia? Yesu kae sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛndua so, na onni [ɔnkɔ so nni, NW] m’akyi.” (Mateo 16:24) Enti sɛ́ obi bɛba Yesu nkyɛn no kyerɛ sɛ ɔde Onyankopɔn ne Kristo apɛde besi n’ankasa apɛde ananmu, agye asɛyɛde dodow bi atom, na wakɔ so ayɛ saa bere nyinaa.—8/15, kratafa 17.
◻ Dɛn nti na wɔn a wohu ‘ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa’ mu a Yesu kaa ho asɛm wɔ Mateo 7:13, 14 no “sua”? Onyankopɔn mmara ne nnyinasosɛm ahorow to ɔkwan hihiaa no ano hye. Enti obi a ɔwɔ ɔpɛ ankasa sɛ ɔde Onyankopɔn gyinapɛn ahorow bɛtra ase nko ara na n’ani begye ho. Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea anohyeto wɔ “ɔkwan hihiaa” no mu de, nanso ɛma obi de ne ho wɔ ɔkwan titiriw biara so. “Adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ no” na ɛto ano hye. (Yakobo 1:25)—9/1, kratafa 5.
◻ Ɔkwan bɛn na wobetumi afa so anya nhumu? Nhumu mma kwa anaasɛ yennya mfi awo mu. Nanso yɛnam boasetɔ, mpaebɔ, mmɔdenbɔ kɛse, fekubɔ a nyansa wom, Bible sua ne ɛho dwen, ne Yehowa honhom kronkron a yɛde yɛn ho to so no so betumi anya nhumu.—9/1, kratafa 21.
◻ Ɔkwan bɛn so na nnipa ninkuntwe betumi adi atirimpɔw pa bi ho dwuma? Ebetumi aka obi ma wabɔ ne dɔfo ho ban wɔ nkɛntɛnso bɔne ho. Bio nso, nnipa betumi atwe ninkunu a ɛfata ama Yehowa ne ne som. (1 Ahene 19:10)—9/15, nkratafa 8, 9.
◻ Dɛn na asɛm a ɛfa Yosef mmanana ho a ɛwɔ Genesis 50:23 a ese: “Wɔwoo wɔn guu Yosef srɛ so” no kyerɛ? Eyi betumi akyerɛ kɛkɛ sɛ Yosef gyee mmofra no toom sɛ n’asefo. Ebetumi akyerɛ nso sɛ ofi ɔdɔ mu ne mmofra no dii agoru, huruhuruw wɔn wɔ ne nan so. Eye sɛ nnɛ, agyanom beyi ɔdɔ a ɛte saa ara adi akyerɛ wɔn mma.—9/15, kratafa 21.
◻ Dɛn na ɛho hia titiriw na ama aware ne abusua asetra akɔ so yiye? Sɛ ebesi awarefo yiye a, ɛsɛ sɛ wɔde Onyankopɔn apɛde di kan bere nyinaa. Awarefo a wɔyɛ saa no bɔ mmɔden bom tra de Onyankopɔn Asɛm mu afotu yɛ adwuma de di wɔn haw ahorow ho dwuma. Wɔnam saayɛ so kwati ɛyaw bebrebe a ɛba bere a wobu ani gu Onyankopɔn apɛde so no. (Dwom 19:7-11)—10/1, kratafa 11.
◻ Hu a yebehu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ wɔ Onyankopɔn ani so no ho hia dɛn nnɛ? Hu a yebehu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ wɔ Onyankopɔn ani so no yɛ ɔsom a efi kra nyinaa mu a yɛde ma Yehowa no fã titiriw. Esiw mmɔden a Ɔbonsam bɔ sɛ ɔbɛma Onyankopɔn asomfo ‘abrɛ na wɔn kra atɔ piti’ no ano, na ɛboa wɔn ma wɔyɛ saa. (Hebrifo 12:3) Ɛbɔ wɔn ho ban na wɔamfa wɔn ho anhyehyɛ wiase no ne emu ade dodowpɛ a ɛho nhia mu, na ɛma wɔde wɔn adwene si ɔsoro nneɛma so—“nokware nkwa no.” (1 Timoteo 6:19)—10/1, kratafa 28.
◻ Wɔ nguanten ne mpapo ho bɛ no mu no, bere bɛn na Yesu tra n’ahengua no so, na dɛn ntia? (Mateo 25:31-33) Ɛbɛ no nna no adi sɛ ɔtra ase a ntease no ne sɛ wayɛ Ɔhene. Mmom no, ɔtra ase sɛ Ɔtemmufo. Saa atemmu no nyɛ nea ɛkɔ so bere tenten ma mfe pii twam. Mmom no, ɛbɛ no fa daakye a Yesu de bere tiaa bi bebu amanaman no atɛn na wadi ho dwuma no ho.—10/15, nkratafa 22, 23.
◻ Dɛn ne “awo ntoatoaso” a na Yesu taa ka ho asɛm no? Yesu de asɛm “awo ntoatoaso yi” kaa nnipadɔm a wɔtraa ase bere koro mu ne wɔn ‘akwankyerɛfo anifuraefo’ a wɔka boom yɛɛ Yuda man no ho asɛm. (Mateo 11:16; 15:14; 24:34)—11/1, kratafa 14.
◻ Asɛm, “awo ntoatoaso yi” fa dɛn ho wɔ Yesu nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24:34-39 no mmamu a etwa to no mu? Ɛda adi sɛ Yesu kyerɛ nnipa a wɔwɔ asase so a wohu Kristo mmae ho sɛnkyerɛnne no nanso wɔntoto wɔn akwan yiye no.—11/1, nkratafa 19, 31.
◻ Ɔkwan bɛn so na guankɔbea nkurow ne emu anohyeto ahorow ho nhyehyɛe no ho baa tete Israelfo no mfaso? Ɛma ɛtraa Israelfo no adwenem sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ anibiannaso anaasɛ wobu wɔn ani gu nnipa nkwa so. Afei nso esii hia a ehia sɛ wɔda mmɔborohunu adi bere a ɛfata sɛ wɔyɛ saa no so dua. (Yakobo 2:13)—11/15, kratafa 14.
◻ Dɛn ne guankɔbea kurow no nsusuwso? Eyi yɛ Onyankopɔn nsiesiei a ɔde bɔ yɛn ho ban wɔ wu a ne mmara a ɛfa kronkron a mogya yɛ ho a yɛto no bɛma yɛawuwu no ho. (Genesis 9:6)—11/15, kratafa 17.
◻ Ɔkwan bɛn so na Kristofo nuayɛ no betumi aboa yɛn ama yɛanya “ahoɔden foforo”? (Yesaia 40:31) Wɔ yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea mu no, yɛwɔ ebinom a ebia wohyia nhyɛso ne sɔhwɛ koro no ara, na ebia wɔwɔ nkate a ɛte sɛ yɛn de ara pɛ. (1 Petro 5:9) Ɛma awerɛhyem san hyɛ gyidi den sɛ yebehu sɛ tebea a yɛrehyia no nyɛ ade foforo, na yɛn nkate no nyɛ ade a ɛyɛ nwonwa.—12/1, nkratafa 15, 16.