Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 2/1 kr. 32
  • Irina Nnwom Nhoma a N’ani Gye Ho Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Irina Nnwom Nhoma a N’ani Gye Ho Yiye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 2/1 kr. 32

Irina Nnwom Nhoma a N’ani Gye Ho Yiye

ƐNKYƐE biara, na wɔbɔɔ Irina, abeawa bi a wadi mfe akron a ofi Sofia wɔ Bulgaria, asu sɛ Yehowa Adansefo mu biako. Ɔpɛ dwonto na n’ani gye nnwom a ɛwɔ nhoma Monto Ayeyi Nnwom mma Yehowa no mu ho titiriw. Enti, Irina de yɛɛ ne botae sɛ obesua nnwom no kakra agu ne tirim ɔsram biara.

Dwom ka nneɛma a Irina sua wɔ sukuu a n’ani gye ho yiye no ho. Enti ne kyerɛkyerɛfo a ɔkyerɛ dwom no yɛɛ basaa bere a Irina pow hokwan a onyae sɛ ɔbɛto nnwom wɔ sukuu no nnwonto kuw mu no. Dɛn nti na Irina powee? Ohui sɛ nnwom a wɔbɛma wato no pii hyɛ ɔman no akatakyie ne nnapɔnna a efi abosonsom mu no anuonyam. Nnwom no bi mpo kamfo kyerɛ sɛ wɔmfa atuatew ne basabasayɛ so mma ɔman ho botae horow nnya nkɔso. Ɔkyerɛkyerɛfo no antumi ante Irina gyinabea wɔ saa asɛm yi ho ase. Irina kyerɛw krataa kɔmaa ne kyerɛkyerɛfo no daa ne nyamesom mu gyidi horow adi—nanso anyɛ yiye.

Irina agya nyaa adwene bi. Ɔde nhoma Monto Ayeyi Nnwom mma Yehowa a nnwom a Irina pɛ ne to wom no biako maa ɔkyerɛkyerɛfo no. Nna kakraa bi akyi no, ɔkyerɛkyerɛfo no frɛɛ Irina kɔɔ ɔdan a wɔkyerɛ dwom wom no mu. Ɔka kyerɛɛ Irina sɛ ɔnto nnwom a ɔpɛ yiye no bi mfi nhoma no mu—wɔ ne mfɛfo sukuufo no anim—bere a ɔkyerɛkyerɛfo no bɔ adakabɛn de boa no no. Dwumadi no kɔɔ so bɛboro dɔnhwerew biako! Ná ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no gye tom sɛ nnwom a ɛyɛ dɛ bi wɔ Irina nnwom nhoma a n’ani gye ho yiye no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena