Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 4/15 kr. 31
  • Nea Enti a Ɔde Edin a Ɛsen Biara no Dii Dwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Ɔde Edin a Ɛsen Biara no Dii Dwuma
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 4/15 kr. 31

Nea Enti a Ɔde Edin a Ɛsen Biara no Dii Dwuma

“M’akasatiafo no biako kyerɛ sɛ, mayɛ bɔne sɛ mede asɛmfua ‘Yehowa’ dii dwuma sen sɛ anka mede ‘Awurade’ a wɔtaa de si ananmu wɔ mfehaha pii a atwam mu no dii dwuma.”

Eyi yɛ J. J. Stewart Perowne asɛm a ɔkae wɔ ne Dwom nhoma no nkyerɛase a ɛto so abien a otintimii nea edi kan wɔ 1864 mu no nnianim nsɛm. Ɔkasatiafo no rekyerɛw wɔ July 2, 1864 Saturday Review mu no, wampene Onyankopɔn din a wɔde dii dwuma wɔ nkyerɛase no mu no so, esiane sɛ na wɔmfa nni dwuma bio wɔ Yudafo anaa Kristofo asɔre ahorow mu no nti. Ɔkyerɛe sɛ wɔde edin Yehowa no bata Yudafo ho dodo ma enti ɛsɛ sɛ wɔde asɛmfua foforo di dwuma, te sɛ “Awurade” anaa “Onyankopɔn,” “a ɛne nnipa bi anaa ɔman bi nni abusuabɔ biara.”

Perowne ampene adwenkyerɛ ahorow yi so, efisɛ na “ɔmpɛ sɛ oyi nkyerɛwde biako mpo” fi Onyankopɔn adiyi ma nnipa no mu. Ɔka ma ɛfatae sɛ nsɛm asekyerɛfo a wɔkyerɛ Onyankopɔn din wɔ Hebri mu ase “Awurade” no mma nsonsonoe a ɛda Hebri nsɛmfua abien mu no nna adi.

Perowne kɔɔ so kyerɛe sɛ nhomanimfo a wɔfata pii wɔ hɔ a wogye Onyankopɔn din no a wɔbɛsan de asi hɔ no tom. Ɔfaa Engiresini anwensɛm kyerɛwfo a wagye din, Samuel Taylor Coleridge, anom asɛm kae sɛ:

“Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwɛ nkyerɛase foforo a obi ayɛ afi Septuagint mu so kyerɛ Hebri kasa ase kɔ Engiresi mu? So yennyee Hebri asɛmfua Yehowa no ntoom? So Κύριος, anaa Awurade a ɛwɔ Septuagint mu no nyɛ Hela nsiananmu a wɔde gyina hɔ mpɛn pii ma Hebri asɛmfua Yehowa? Ɛnde dɛn nti na yɛmfa asɛmfua a ɛwɔ hɔ no ankasa nsan nsi hɔ; na wɔ Apam Dedaw mu no, yemfi nokwaredi mu nkyerɛ Yehowa ase Yehowa; na yɛmfa asɛmfua no nni dwuma wɔ asɛm biara a ɛwɔ Apam Foforo no mu a wɔfa fii Dedaw no mu a ɛde Hebri asɛmfua no di dwuma no mu?”

Perowne gye toom sɛ sɛnea na wɔbobɔ Hebri Nkyerɛwde Anan no din ankasa ayera, nanso ɔkae sɛ: “Sɛ ɛnam gyidihunu kɛkɛ so na edin no yerae wɔ Yudafo Asɔre mu, na sɛ ɛnam Hela ne Latin Nkyerɛase so a wɔhwɛ kyerɛw nsɛm no bi so na ɛmaa yɛn ankasa [Engiresi] Nkyerɛase no yeraa asɛmfua no a, eyinom nyɛ anoyi a ntease wom biara a ɛsɛ sɛ esiw dwuma a wɔbɛsan de adi te sɛ kan no kwan.” Perowne ani gyee edin “Yehowa” no ho esiane sɛ na wonim no yiye nti. Efi saa bere no nnɛyi nkyerɛase afoforo pii nso de Onyankopɔn din no adi dwuma. New World Translation of the Holy Scriptures no de edin Yehowa no adi dwuma bɛboro mpɛn 7,200, wɔ Hebri ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu.

Wɔ ne Dwom nhoma no nkyerɛase mu no, Perowne bɔɔ mmɔden sɛ obedi “Hebri asɛmfua no akyi pɛpɛɛpɛ, wɔ ɛho mmara ne sɛnea wɔde di dwuma bom no mu.” Bere a ɔrekyerɛ Dwom 69, nkyekyem 5 ne 6 ase no, ohuu hia a ehia sɛ ɔma nsonsonoe a ɛda Hebri nsɛmfua ma “Onyankopɔn” (ʼElo·himʹ), “Awurade” (ʼAdho·naiʹ), ne “Yehowa” ntam no da adi: “O Onyankopɔn [ʼElo·himʹ], Wunim me nkwaseasɛm, na m’afodi nhintaw Wo ɛ. Mma wɔn a wɔtwɛn Wo no ani nnwu me ho, O Awurade [ʼAdho·naiʹ], asafo Yehowa (Nyankopɔn). Mma wɔn a wɔhwehwɛ Wo no anim nngu ase, me nti, O Israel Nyankopɔn.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena