Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 5/15 kr. 32
  • Wonya Wɔn Ahoɔden Fi He?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wonya Wɔn Ahoɔden Fi He?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 5/15 kr. 32

Wonya Wɔn Ahoɔden Fi He?

SƐ WOHWƐ afofantɔ a ɔwɔ mfonini yi mu yi yiye a, wubehu sɛ n’ataban anan no mu biako fam ne ho kwa. Nanso afofantɔ no kɔ so didi na otu. Eyi nyɛ ade soronko bi. Wonim mfofantɔ yiye sɛ wotumi yɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a wɔn ntaban no mu ɔha mu nkyem 70 nni hɔ no.

Saa ara na nnipa pii da honhom a ɛyɛ nnam adi. Ɛmfa ho sɛ wohyia nipadua anaa nkate mu haw horow a emu yɛ den no, wɔmpa abaw.—Fa toto 2 Korintofo 4:16 ho.

Ɔsomafo Paulo ankasa gyinaa amanehunu pii mu wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu ahorow no mu. Wɔbɔɔ no mmaa, hwee no, siw no abo na wɔde no too afiase. Bio nso, ohuu ahoɔmmerɛw bi mu amane, ebia aniyare a na ɛyɛ “ɔhonam mu nsɔe” ma no no.—2 Korintofo 12:7-9; Galatifo 4:15.

David, Kristoni panyin bi a ɔne adwenemhaw dii aperepere mfe pii no gye di sɛ Yehowa ahoɔden titiriw na ɛmaa ne ho tɔɔ no. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mpɛn pii no, ɛte sɛ nea mmɔden a mebɔe nyinaa yɛɛ ɔkwa no. Wɔ abasamtu a ɛte saa mu no, mede me ho too Yehowa so koraa, na ɔwowaw me ampa. Ɛtɔɔ mmere bi a mede nnɔnhwerew pii bɔɔ mpae. Bere a me ne Yehowa kasae no, ankonamyɛ ne mfaso biara a mete nka sɛ enni me so no tu yerae. Mahu mmerɛwyɛ mu amane wɔ tebea horow mu, nanso aseda nka Yehowa, ahoɔden afi mmerɛwyɛ yi mu aba—mpo ahoɔden a mede boa afoforo.”

Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ Paulo den. Enti na obetumi aka sɛ: “Sɛ meyɛ mmerɛw a, ɛno ansa na me ho yɛ den.” (2 Korintofo 12:10) Yiw, Paulo mmerɛwyɛ no kyerɛkyerɛɛ no ma ɔde ne ho too ahoɔden a efi Onyankopɔn hɔ so. Ɔsomafo no kae sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Filipifo 4:13) Ɛyɛ ampa sɛ Yehowa hyɛ n’asomfo den.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena