Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 9/1 kr. 32
  • “Mpam Wɔn!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Mpam Wɔn!”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 9/1 kr. 32

“Mpam Wɔn!”

“SƐ YEHOWA Adansefo no mu biako, anaa baanu bɔ wo pon ano dɔn a, mpam wɔn!” saa na Corriere della Sera de afotu ma. Na atesɛm krataa no reka asɛm bi a esii wɔ Treviso, a ɛwɔ Italy kusuu fam, a anka oguadini bi reyɛ ayera ne sika bɛboro lire ɔpepem biako (bɛboro U.S. $600) esiane sɛ ɔpamoo Adansefo baanu bi a wɔkɔsraa no nti no.

Sɛnea atesɛm krataa no kyerɛ no, Adansefo baanu no kaa nsɛm yi de daa wɔn ho adi sɛ: “Ɛnnɛ yɛ da pa ma wo. Yɛyɛ Yehowa Adansefo, na yɛwɔ biribi a ɛsom bo ma wo.” Wɔkaa saa no, wɔn ano ansi na oguadini a ɔmpɛ nnipa no kaa pon no toom.

Sɛ ɔbarima no tiei a, anka ohui sɛ Adansefo no de ne bag a wohui wɔ prama bi so benkyi bi so na ɛrebrɛ no. Enti na ɛsɛ sɛ Adansefo no de ne bag no ne emu nneɛma no kɔ polisifo adwumam a ɛbɛn hɔ. Ɛda a edi hɔ no, polisifo no san de kɔmaa ne wura no.

Il Gazzettino di Treviso kae sɛ: “Sɛ [Adansefo] baanu a wɔannya kwan amfa amma ne wura no yɛɛ onipa foforo bi a, anka ebia . . . ɔfaa bag no ne emu nneɛma a ɛdɔɔso no. Nanso ɛnyɛ Yehowa Adansefo a ɛsɛ sɛ wodi nokware wɔ biribiara mu” no.

Dɛn na ɛka Yehowa Adansefo ma wodi “nokware wɔ biribiara mu”? Ɛyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne wɔn yɔnko, a ɛne Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ hyia no. (Mateo 22:37-39) Ɛno nti nso na Yehowa Adansefo kɔ afie afie mu kɔka “asase foforo” a ɛyɛ anigye a Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ ho bɔ ho asɛmpa no. Anidaso asɛm a ɛte saa no som bo koraa sen honam fam agyapade biara!—2 Petro 3:13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena