Bible Nkɔmhyɛ Mmamu
WƆDE dɔn soronko bi a ɛlɛtrɔnik adekan afiri bi ka ho ayɛ ahwɛde wɔ Ahemman Akodi Nneɛma Akorae a ɛwɔ London, England no. Bere a dɔn no twa ne ho no, adekan afiri no kɔ n’anim anibu 3.31 biara mu. Sɛ ɛkɔ n’anim biara a, dodow no kɔ soro biako. Sɛ ɛkɔ n’anim biara ma biako bɛka ho a, egyina hɔ ma ɔbarima, ɔbea, anaa abofra biara a ɔko akum no wɔ afeha yi mu.
Adekan afiri no fii n’adekan no ase wɔ June 1989 mu, na wɔhwɛ kwan sɛ ebewie kan ɔdasum, bere a ade rebɛkye ma afe 2000 adu no. Ebedu saa bere no na nɔma a ɛwɔ afiri no so no yɛ ɔpepem ɔha—nnipa dodow a wobu akontaa sɛ akodi bekunkum wɔn wɔ afeha a ɛto so 20 yi nyinaa mu no.
Bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no, Yesu Kristo ka too hɔ sɛ bere bi bɛba a “ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so.” Ne saa nti, Yehowa Adansefo aka fi bere tenten sɛ afeha yi mu akodi a ɛsɛe nneɛma no ne asasewosow, ɔyaredɔm, ne aduankɔm pii, ɛne nsɛm foforo a esisi no, nyinaa di adanse sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri mu”—fi bere a wɔde Kristo dii ade wɔ soro sɛ Ɔhene wɔ afe 1914 mu no.—Luka 21:10, 11; 2 Timoteo 3:1.
Ɔwɛn-Aban no gyina Bible so bɔ asɛmpa a ɛne sɛ ɛnkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛsɛe nhyɛsofo na wadan asase no paradise no ho dawuru. Na dɛn na ɛbɛba akodi so daakye? Bible ka sɛ: “Mommra mmɛhwɛ Awurade nnwuma, ɔsɛe ko a wama aba asase so. Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew [akodi] nteaseɛnam.”—Dwom 46:8, 9.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
Ɛdɔn: Imperial War Museum na wɔmaa hokwan