“Yɛn Nyinaa Fi Abusua Biako Mu”
WƆ NNANSA yi mfe mu no, nyamesom foforo ho adwemmɔne ne nnipa mu nyiyim atrɛw asase so nyinaa. Mmusua mu mpaapaemu de nnipakum, ayayade, ne atirimɔdenne a ɛyɛ aniwu na aba. Sɛnea Amnesty International amanneɛbɔ bi kyerɛ no, hokwan horow a nnipa wɔ a nkurɔfo abu so no maa nnipa bɛboro ɔpepem 23 a wɔwɔ wiase nyinaa de amemenemfe tu fii wɔn afi mu wɔ 1994 mu.
Wɔ Rwanda nkutoo no, wokunkum nnipa bɛyɛ 500,000, na afoforo bɛboro 2,000,000 bɛyɛɛ aguanfo, bere a basabasayɛ fii ase wɔ Tutsifo ne Hutufo ntam no. Belgium atesɛm krataa Le Soir bɔ amanneɛ sɛ: “Yehowa Adansefo titiriw na wɔtaa wɔn esiane sɛ wɔpow sɛ wobekura akode nti.” Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ akodi mu. Nanso wokunkum wɔn mu ɔhaha pii wɔ basabasayɛ no mu. Eyi kae yɛn Yesu nsɛm yi a ɔka kyerɛɛ n’asuafo no: “Mumfi wiase . . . nti na wiase tan mo.”—Yohane 15:19.
Adansefo abusua biako—Eugène Ntabana, ne yere, ne ne mma baanu—traa kuropɔn, Kigali, mu. Ná Eugène taa ka bougainvillea, hama bi a enyin wɔ mmeae a wim tebea yɛ hyew ho asɛm, bere a ɔrekyerɛkyerɛ ɔfã biara a Kristofo nni mu kyerɛ n’afipamfo no.—Mateo 22:21.
Ná Eugène kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ Kigali ha no, bougainvillea sow nhwiren kɔkɔɔ, ne ɛtɔ mmere bi a, fitaa. Nanso wɔn nyinaa fi abusua biako mu. Ɛte saa ara wɔ nnipa fam. Ɛwom sɛ ebia ɛsono yɛn abusua, honam ani hwɛbea, anaa abusuakuw a yefi mu de, nanso yɛn nyinaa fi abusua biako mu, adesamma abusua no.”
Awerɛhosɛm ne sɛ ɛmfa ho sɛ na wɔn ho dwo na wonni afã biara no, basabasayɛfo mogyapɛfo bi kunkum Ntabana abusua no mufo no. Nanso wowuwui wɔ nokwaredi mu. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa Nyankopɔn bedi ne bɔhyɛ ma saafo no ho dwuma, na wobenyan wɔn ma wɔanya wiase a adwemmɔne nnim adi. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Afei, Ntabana abusua no, ne afoforo ‘begye wɔn ani wɔ asomdwoe bebree mu.’—Dwom 37:11.