‘Wɔn Ani Gye Sɛ Wɔbɛboa Afoforo’
SAA na New York Kuropɔn mu polisini bi kae wɔ Yehowa Adansefo ho. Ná ɔne Kathleen, a ɔyɛ bere nyinaa asomfo a wɔatu wɔn ho ama resom wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York, no mu biako na ɛrekasa.
Bere a ɔregye n’ahome awiabere wɔ twabere bi mu a wim ayɛ hyew na owia abɔ no, Kathleen kɔtraa benkyi bi a esi Ahomegyebea a ɛbɛn hɔ no so. Ná ɔde biribi ahyehyɛ n’asom retie kasɛt bi a ɛrebɔ. Ná wɔreyɛ nhyehyɛe de agya pope a na wabɛsra kuropɔn no kwan, wɔ helikopta gyinabea wɔ East River agya hɔ. Ná wɔayɛ ahobammɔ ho nhyehyɛe denneennen wɔ baabiara, na na polisifo rekyinkyini Ahomegyebea hɔ. Wɔn mu biako baa Kathleen nkyɛn bebisaa no nea ɔreyɛ. Kathleen buae sɛ: “Meretie Russia kasa wɔ kasɛt so. Wunim, meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako, na mepɛ sɛ misua Rusia kasa sɛnea ɛbɛyɛ a metumi aka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ nnipa a wɔka Russia kasa a wɔabɛtra kuropɔn yi mu no.”
Polisini no buae sɛ wabɛpɛ Yehowa Adansefo asɛm wɔ mfirihyia 15 a atwam a ɔde ayɛ adwuma sɛ polisini a okyinkyini New York Kuropɔn mu no mu. Ɔkae sɛ: “Mibu Yehowa Adansefo sɛ ɔsom a wɔahyehyɛ a emufo fi komam kyerɛ anigye sɛ wɔbɛboa afoforo a wɔwɔ wɔn mpɔtam.”
Wɔde apon ne apon ano asɛnka adwuma a Yehowa Adansefo yɛ no nim wɔn wɔ wiase nyinaa. (Asomafo no Nnwuma 20:20) Bere a wɔtwe adwene si Onyankopɔn Ahenni so sɛ adesamma haw horow ano aduru koro pɛ no, wɔsan boa ma nkurɔfo nya nkɔso wɔ wɔn asetram, denam Bible nnyinasosɛm a wɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔde di dwuma wɔ wɔn da biara da asetram no so. Sɛ́ nhwɛso no, Adansefo no hyɛ awofo nkuran sɛ wɔmma efie nyɛ beae a eye ma adesua. Wotu ankorankoro fo sɛ wɔnyɛ anokwafo na wonni mmara so, bere a wɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wonsua adwuma na wonnya su horow a adwumawura ani begye ho no.
Yiw, Yehowa Adansefo ani gye ho kɛse sɛ wɔbɛboa nkurɔfo a wɔte wɔn mpɔtam ma wɔanya nkɔso wɔ wɔn asetram. Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ yɛ nhyehyɛe a edi so yi ho biribi.