Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 12/15 kr. 20-21
  • “Enti Ɛhe na Mo Asɔre Wɔ?”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Enti Ɛhe na Mo Asɔre Wɔ?”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 12/15 kr. 20-21

“Enti Ɛhe na Mo Asɔre Wɔ?”

WƆTAA bisa Yehowa Adansefo a wɔwɔ Mozambique no saa asɛm yi. Nokwasɛm ni, bere bi a atwam no, na saa asɛmmisa yi ho mmuaema yɛ den. Efisɛ, 1991 yi ara na wogyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara kwan so wɔ ɔman yi mu. Ɛno nti na wontumi nnya mmeae horow pɔtee a wohyiam no.

Nanso, saa tebea no sakrae wɔ February 19, 1994 mu. Saa da a na wim ayɛ hyew na owia abɔ no, wobuee Ahenni Asa ahorow abien a edi kan koraa ano wɔ Mozambique. Nnipa a wɔn dodow si 602 baa nhyiambea fɛfɛ a wobuee ano wɔ po so hyɛn gyinabea a ɛwɔ Beira, wɔ Mozambique mpoano atifi fam mfinimfini baabi no. Asafo ahorow abiɛsa a ɛwɔ saa kuropɔn no mu no na ɛbɛkɔ mu.

Dwumadi no nyinaa, fi bere a wɔtoo fapem kosii bere a wowiee ɔdan no si no, gyee adwumaden a wɔde afe ne asram abien yɛe. Mpɛn pii no, adwumayɛfo 30 anaa nea ɛboro saa fi Zimbabwe a ɛbɛn hɔ no bae ne ɛhɔ Adansefo no bɛboom yɛɛ adwuma. Esiane sɛ na wɔn nyinaa rennya dabere wɔ asɛmpatrɛwfo fie a ɛwɔ Beira, dwumadi ahorow no nyinaa asoɛe hɔ no nti, ebinom traa mmeae a ɛbɛn fie hɔ wɔ dapɛn no awiei, na ɛtɔ mmere bi a na wɔtra hɔ adapɛn toatoa so.

Beae a Ahenni Asa a Massamba ne Munhava Asafo horow no behyiam no wɔ Beira kar kwan kɛse no nkyɛn. Asɛmpatrɛwfo bi kae sɛ: “Da a obiara hu sɛ adwuma no rekɔ so a wonni adagyew koraa no, yehu sɛ ɛtɔ mmere bi a esiane sɛ afirikafo nhwɛ so nka wɔn kar na wɔhwɛ Ahenni Asa no haa bere a wɔn werɛ afiri wɔn ho nti, ɛyɛ a na asiane reyɛ asi.” Wɔn mu pii gyina bɛhwɛɛ adwuma no, na wɔn ani gyee mmusua horow a wɔde biakoyɛ bom yɛ adwuma no ho titiriw.

Ná adwuma no gye nhyehyɛe pii. Esiane sɛ ɛnte sɛ adansi ahorow a ɛkɔ so wɔ wiase no fã ha a adansi ho nneɛma ne sika ho yɛ na nti, amma da sɛ wobegyae Ahenni Asa no ho adwuma esiane sɛ na wonnya ɛho nneɛma nti. Bere bi, ɛbae sɛ na wobehia semɛnte nkotoku 800 na na nkotoku nso nni beae a ɛhɔ nkutoo na wobetumi anya bi no. Anuanom no ne Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ ahenkurow, Maputo, mu no dii nkitaho; wimhyɛn de nkotoku bae, na wɔde kɔɔ semɛnte adwumayɛbea hɔ kɔhyehyɛɛ bi guu mu. Adwuma no kɔɔ so a biribiara ansiw kwan.

Bere foforo no, bere a wɔrekyere suhyɛ no, adwumayɛfo no nnade a wɔde rekuruw dan no so no sae. Esiane sɛ na ɛho ayɛ na yiye nti, na wakra adwuma no ho nnade afi kilomita 600 tɔnn! Adwumayɛfo no mu biako kɔɔ ɔbarima bi a na ɔrehwɛ wɔn no nkyɛn, na obisaa no sɛ ebia onim baabi a wobetumi anya nnade a wɔde bewie adwuma no anaa. Ɔbarima no buae sɛ: “Magyina ha bɛboro dɔnhwerew biako ni, na ɛnyɛ asɛm na ɛne asɛm ahyia ara kɛkɛ. M’ani agye adwuma a moreyɛ no ne honhom a moda no adi wɔ dwumadi yi ho no ho yiye. Mewɔ dade a muhia no ara bi, na ɛbɛyɛ me anigye sɛ mede bɛkyɛ mo.” Ɛbɛyɛɛ ade a yenyaa no bere a ɛsɛ mu.

Ná bɛhwɛadefo pii ntumi nhu adansi adwumayɛkuw a ɛreyɛ adwuma no. Sɛnea ɛte no, adwumayɛfo no de anigye ka kyerɛɛ wɔn sɛ eyinom yɛ Yehowa Adansefo a wɔatu wɔn ho ama. Dɛn titiriw na ɛmaa bɛhwɛadefo no ho dwirii wɔn? Obiako kae sɛ: “Moyɛ biako. Ɛmfa ho sɛ mufi mmusua ahorow mu no, moyɛ adwuma bom sɛ anuanom.” Nea efii mu bae ne sɛ nnipa dodow no ara bae sɛ yɛne wɔn nyɛ Bible adesua. Afei nso, aka nhyiam horow a wɔyɛ no. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, nnipa dodow a wɔkɔ Manga Asafo nhyiam no dodow sen Adansefo no dodow mmɔho abien.

Ahenni Asa afoforo no ayɛ nhyira ankasa ama Adansefo a wɔwɔ hɔ no. Kan no na dodow no ara hyiam wɔ tete adan a wɔde sare anaasɛ nkyɛnsee kakraa bi akuruw so wɔ afikyiri bi, mu. Ná wɔn ho taa fɔw bere a osu tɔ no; nanso wofi nokwaredi mu kɔɔ nhyiam horow no. Wɔ mfe dudu pii mu no, na eyinom nkutoo ne “Ahenni Asa” a na Mozambique Adansefo no wɔ. Onua Caetano Gabriel a ɔyɛ ɔpanyin wɔ Massamba Asafo mu no kae sɛ: “Yɛda yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔboae ma yetumi sii dan yi no ase.” Ɔdansefo abofra bi kae sɛ: “Bere a na yɛwɔ Carico no (“adwumayɛban a wɔde ntetee foforo ma,” beae a wɔde Yehowa Adansefo kogui bɛyɛ mfirihyia 12 no), na yɛtaa ka sɛ, ‘Yɛde nokwaredi begyina pintinn, na Yehowa betua yɛn ka.’ Ahenni Asa foforo no yɛ akatua a efi Yehowa hɔ.” Wɔn nsɛm no da anisɔ kɛse ne wɔn bo a wɔasi sɛ wobeyi Yehowa ayɛ no adi.

Mmerante ne mmabaa a wɔde wɔn ho hyɛɛ adansi adwuma no mu no benyaa akwampae honhom, na akyiri yi, wɔde wɔn ho hyɛɛ daa akwampae som adwuma no mu. Ade rebɛkye ma wɔabue Ahenni Asa a ɛho tew no ano no, abofra Isabel a ɔyɛ daa kwampaefo wɔ Manga Asafo mu no, hwɛe kae sɛ: “Wɔ me fam no, eyi ne beae a ɛyɛ fɛ sen biara wɔ Beira. Ɛyɛ anigye kɛse sɛ mewɔ ha.” Adão Costa a ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛhɔnom atumfoɔ no boae kɛse, denam adekra hokwan titiriw a wɔmae esiane sɛ wonim Adansefo no nokwaredi nti no so. Afei ɔde kaa ho sɛ: “Ɛwom sɛ yɛbrɛe yiye de, nanso na ɛyɛ anigye sɛ yehu mfaso a efii adwuma yi nyinaa mu bae a ɛde nidi ne anuonyam brɛɛ Yehowa no.”

Seesei, bere biara a onigyeni a ɔte Beira kurow mu bisa sɛ “Enti ɛhe na mo asɔre wɔ?” no, Adansefo no kyerɛ no Ahenni Asa foforo abien no mu biako, na wɔde nsɛm te sɛ eyi bua sɛ, “Ɛwɔ Avenida Acordo de Lusaka, Amanaman Ntam Kar Kwan no so, na ɛno na ɛne Fourth Squadron Police Station no di nhwɛanim pɛɛ no.” Afei ɔde nkyerɛkyerɛmu biako ka ho, “Nanso ɛnyɛ asɔre. Ɛyɛ Ahenni Asa!”

[Asase Mfonini/Mfonini ahorow wɔ kratafa 20]

AFRIKA

Mozambique

Maputo

Beira

[Asɛm Fibea]

Asase mfonini: Mountain High Maps® Copyright © 1995 Digital Wisdom, Inc.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena