Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Nokware no a Yɛde Bedu Nnipa Ahorow Nyinaa Nkyɛn
NÁ ƆSOMAFO Paulo yɛ ɔsɛmpakafo a ɔde nnam ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Wamma ɔsɔretia annye no asabawmu wɔ n’adwuma a na ɛne sɛ ɔbɛka “asɛmpa” no ho. (1 Korintofo 9:16; Asomafo no Nnwuma 13:50-52) Paulo hyɛɛ afoforo nkuran sɛ wonni ne nhwɛso no akyi.—1 Korintofo 11:1.
Wonim Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa sɛ wɔde nnam ka asɛm no. Nokwarem no, wɔka asɛm kyerɛ afoforo wɔ “bere a eye” ne “nea enye” mu, na wɔde awie ‘asuafoyɛ’ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no. (2 Timoteo 4:2; Mateo 28:19, 20) Wɔ nsase a wohyia ɔsɔretia mpo mu no, wɔde Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a ɛho hia sen biara no du nnipa komapafo nkyɛn, sɛnea osuahu ahorow a edidi so yi kyerɛ no.
◻ Wɔ Pacific atɔe fam supɔw bi a wɔabara Yehowa Adansefo dwumadi so no, abarimaa bi a wadi mfirihyia 12 hui sɛ nnamfo bɔne na atwa ne ho ahyia. Ná n’adesuakuw no mufo pii taa nom sigaret, kenkan ɔbrasɛe nhoma, haw akyerɛkyerɛfo, na wɔko ntɔkwaw. Tebea no bɛsɛee araa ma abarimaa no ka kyerɛɛ n’agya sɛ onyi no nkɔ sukuu foforo mu. Nanso, agya no ne ne babarima no susuw tebea no ho wɔ ɔkwan foforo so, efisɛ na adesuafo a wɔwɔ sukuu ahorow a ɛbɛn hɔ no nneyɛe renyɛ soronko. Nanso, na ɔkwan bɛn so na obetumi aboa ne babarima no?
Agya no kaee sɛ ɔwɔ mmofra nhoma bi wɔ fie hɔ. Obusuani bi a ɔyɛ Yehowa Dansefo na ɔde kyɛɛ no. Enti ɔhwehwɛɛ nhoma no, na ohui no, ɔde maa ne babarima no. Ná wɔato din Questions Young People Ask—Answers That Work.a Abarimaa no nyaa mfaso kɛse fii asɛmti a ɛne, “Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Atipɛnfo Nhyɛso So?” no mu. Ɛnyɛ obu a obi wɔ a obekura mu nko ho ade na osuae, na mmom, ɛkyerɛɛ no sɛnea ɔde anifere bɛka sɛ dabi bere a afoforo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ no ma ɔde ne ho ahyɛ biribi a nyansa nnim mu no. Ɛdenam Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ohui wɔ nhoma no mu no nti, aberante no tumi suaa sɛnea wogyina atipɛnfo nhyɛso ano.
Eyinom ne nsakrae horow a mfaso wɔ so a ɔhyɛɛ no nsow wɔ ne babarima no ho no nti, agya no sii gyinae sɛ ɔbɛkenkan nhoma no. Nhoma no mu afotu a mfaso wɔ so a n’ani gyee ho no nti, agya no maa Yehowa Adansefo ne no bɛyɛɛ ofie Bible adesua. Akyiri yi, n’abusua no mufo afoforo bɛkaa ne ho wɔ adesua no mu. Dɛn na efii mu bae? Seesei, abarimaa no, ne nuabarima kumaa, n’agya, ne ne nananom baanu, yɛ Yehowa Adansefo.
◻ Wɔ asase koro no ara so no, wɔde Yehowa Adansefo baanu guu afiase esiane Bible nnyinasosɛm horow a wogyinaa akyi pintinn nti. Nanso, wɔamma wɔn tebea no ammu wɔn abam wɔ Onyankopɔn Ahenni a wɔde akokoduru bɛka ho asɛm no ho. Wɔkɔsrɛɛ afiase panyin bi hɔ kwan, na wonyaa hokwan sɛ wɔbɛhyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã wɔ hɔ. Hwɛ sɛnea wɔn ani gyei bere a nneduafo 14 daa Bible no ho anigye adi, na wɔne Adansefo no boom dii afahyɛ titiriw yi no! Bere a woyii wɔn no, wɔn mu bi toaa so suaa Bible no, na wɔne Yehowa Adansefo bɔe.
Esiane bara a wɔabara wɔn anaa ɔsɔretia ahorow anaa ɔtaa nti, Yehowa Adansefo hu amane wɔ aman bɛboro 25 so. Nanso, te sɛ asomafo no, ‘wonnyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne nkyerɛkyerɛ da.’—Asomafo no Nnwuma 5:42.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.