Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 3/1 kr. 32
  • Hena na Odi So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena na Odi So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 3/1 kr. 32

Hena na Odi So?

“HENA na odi wiase so?” Sɛ obi bisa wo saa asɛm yi a, wubebua dɛn? Ebia nyamesomfo dodow no ara bɛka sɛ “Onyankopɔn” anaa “Yesu.” Asɛm bi a epuee The Freeport News, Bahamasfo atesɛm krataa, mu no de mmuae a nnipa kakraa bi na wɔbɛhwɛ kwan mae.

Nea ɔkyerɛwee asɛm no fii ase sɛ: “Mihuu kratawa bi wɔ me pon ano. Mpɛn pii no, ɛyɛ a mibu m’ani gu nkitahodi kwan a ɛtete saa so, nanso saa bere yi de, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkan. Asɛmti no bisaa asɛm a ɛne sɛ, ‘Hena na Odi Wiase no So Ankasa?’” Bere a saa ɔbea yi kenkan kratawa a egyina Bible so yi no, ohui sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn anaa Yesu na odi wiase yi so, na mmom Satan Ɔbonsam.—Yohane 12:31; 14:30; 16:11; 1 Yohane 5:19.

Kratawa no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Susuw atirimɔden a wɔde ayɛ ade atra so no ho. Nnipa nam mframa bɔne, adwumayɛban, akode a ɛtotow gyaframa, napalm atopae, ne ahude afoforo so ayɛ wɔn ho ayayade akunkum wɔn ho wɔn ho atirimɔden so. . . . Tumi horow bɛn na epiapia nnipa ma wɔyɛ atantanne a ɛte sɛɛ anaa ɛdaadaa wɔn kɔ tebea horow a ɛma wɔte nka sɛ wɔnyɛ atirimɔdenne yi mu no? So woadwen ho pɛn sɛ ebia tumi bɔne bi a aniwa nhu no na ɔredaadaa nnipa ma wɔadi nsɛmmɔne a ɛte saa?” So ɛyɛ nwonwa sɛ Bible frɛ Satan “wi yi ase nyame”?—2 Korintofo 4:4.

Anigyesɛm ne sɛ, bere adu sɛ woyi Satan ne n’adaemone no fi hɔ koraa. “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Yiw, Bible hyɛ bɔ sɛ wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no wɔ anidaso a ɛne sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ trenee wiase foforo bi mu. (Dwom 37:9-11; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4) Hwɛ ahotɔ a ɛbɛyɛ sɛ wobeyi Satan ne n’adaemone nkɛntɛnso bɔne afi hɔ!

Bere a nea ɔkyerɛw asɛm a epuee The Freeport News mu no hwehwɛɛ nsɛm a ɛwɔ kratawa ketewa yi mu wiei no, ɔkae sɛ: “M’ani agye ankasa sɛ mekenkan saa kratawa no . . . efisɛ me nso makɔ so adwen tebea a wiase no wom, ne nea odi so no ho.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena