Nhoma, Nhoma, Nhoma!
Ɔhene Salomo nyansafo a ɔtraa ase tete no kyerɛwee sɛ: “Nhoma bebree yɛ nni awiei.” (Ɔsɛnkafo 12:12) Wɔ 1995 mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɛkaa kakraa bi sɛ anka nnipa a wɔwɔ Britain no mu 580 biara renya nhoma foforo a wotintimii wɔ hɔ no biako, na ɛmaa saa ɔman no bɛyɛɛ ɔman a wotintim nhoma foforo wom sen biara wɔ wiase. China, ɔman a nnipa wom sen biara no na ɛtoo so abien, na wotintim nhoma ahorow 92,972, bere a Britain de yɛ 95,015 no. Germany dii hɔ (nhoma ahorow 67,206), na afei United States dii hɔ (49,276), na France toaa so (41,234). The Daily Telegraph atesɛm krataa a ɛwɔ London no ka sɛ: “Engiresi kasa titiriw nti na ama Britain adi anim wɔ wiase.”
Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ nhomatɔn rekɔ fam mfe pii ni, na seesei mpanyimfo a wɔwɔ Britain mu ɔha biara mu 80 pɛ na wɔtɔ nhoma biako anaa nea ɛboro saa afe biara. Nanso, nkurɔfo kenkan nhoma a wɔtɔ no nyinaa?
Nhoma biako a wɔkɔ so kyekyɛ na wɔkenkan no kɛse ne Bible, a seesei n’afã bi anaa ne mũ no nyinaa wɔ kasa horow bɛboro 2,120 mu no. Sɛ wunnya nnyaa bi a, wo ne Ɔwɛn Aban Asafo no adwumayɛbea a ɛbɛn wo paa no nni nkitaho na gye biako. Sɛ wowɔ Bible a, fa na hwɛ Kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asisi so wɔ nsɛmma nhoma yi mu no. Saayɛ so no, wubehu Bible no mu nimdeɛ a ɛma nkwa no.