Connecticut Asɛnnibea Kunini no Gye Hokwan a Ɔyarefo Wɔ no Tom
Wɔ April 16, 1996 no, Connecticut, U.S.A., Asɛnnibea Kunini no gyee hokwan a Yehowa Adansefo wɔ sɛ wonnye mogya no toom. Saa gyinaesi yi danee gyinae a edi kan a asɛnnibea ketewa bi sii no ani.
Wɔ August 1994 mu no, mogya fii ase tuu Nelly Vega a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako kɛse bere a ɔwoo n’abakan no. Mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛma mogya no atwa no anyɛ yiye. Bere a Owurayere Vega tebea no mu yɛɛ den no, ayaresabea no hwehwɛe sɛ wobenya tumi afi asɛnnibea sɛ wɔmma no mogya. Ná Owurayere Vega de ne nsa ahyɛ mogya adansedi kratasin a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde mogya anaa nnuru a mogya wom biara ma no bere a ɔda ayaresabea no ase dedaw, na ɔnam so maa ayaresabea no dee ne ho wɔ nea ebefi ne gyinaesi no mu aba biara ho. Nanso, ayaresabea no kyerɛe sɛ mogya a wɔbɛhyɛ no de ama no no bɛboa abofra a wɔawo no foforo a ayaresabea no kyerɛe sɛ ohia ne maame no kɛse. Ná nea ɛhaw asɛnnibea ketewa no nso ne sɛ, sɛ mogya a Owurayere Vega ahwere no da nkyɛn a, ɔsan yɛ ababaa a ɔwɔ ahoɔden. Enti ɛmfa ho sɛ Owurayere Vega kunu ne ne mmaranimfo sɔre tiae no, asɛnnibea no hyɛ ma wɔmaa no mogya.
Bere bi akyi no, wɔde asɛm no kɔɔ Connecticut Asɛnnibea Kunini hɔ. Ɛhɔ no, wɔde biakoyɛ kae sɛ ade a ayaresabea no yɛe no tia hokwan a Owurayere Vega wɔ no. Gyinaesi no kae sɛ: “Asɛnnibea ketewa no buaa asɛm no wɔ anadwo dasum wɔ tebea a egye ntɛmpɛ kɛse a na enye mma afaanu no biara sɛ ɛbɛka ne nsɛm nyinaa mu.”
Connecticut Asɛnnibea Kunini no gyinaesi no ho hia ma nnipa a wɔnyɛ Yehowa Adansefo mpo. Owurayere Vega mmaranimfo, Donald T. Ridley, kae sɛ: “Ɛho hia ma ayarefo a ebetumi aba sɛ wɔrempene wɔn nnuruyɛfo gyinaesi so no nyinaa. Gyinaesi no besi ayaresabea ahorow no kwan wɔ twiw a wotwiw fa ɔyarefo gyinapɛn ahorow, sɛ́ ɛyɛ ɔsom mu de anaa wiase de, so no.”