Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 8/15 kr. 32
  • Wogyinaa Nasi Ɔtaa Ano Pintinn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wogyinaa Nasi Ɔtaa Ano Pintinn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 8/15 kr. 32

Wogyinaa Nasi Ɔtaa Ano Pintinn

AKOKODURU a Yehowa Adansefo de gyinaa wɔn mudi mu wɔ Nasi Germany no bɔ gyinabea a Kristoman asɔre ahorow no pawee no abira pefee. Abakɔsɛm ho ɔbenfo John Weiss ka eyi ho asɛm wɔ ne nhoma a ɛne Ideology of Death no mu. Ɔkyerɛwee sɛ:

“Wɔ 1934 mu no, Evangelical asɔre no hyɛe ketee sɛ, ɛsɛ sɛ ‘Luthersom mufo gye’ Nasifo tom, na wɔdaa ‘Awurade Nyankopɔn’ ase sɛ wama Germanfo sodifo a ‘n’ani gye nyamesom ho na ɔyɛ nokwafo.’ . . . Protestant sɔfo panyin bi kyerɛw n’asɔfo sɛ, ‘Onyankopɔn na wayi [Hitler] ama yɛn.’” Weiss toa so sɛ: “German Metɔdist asɔre no . . . ne Ɔsɔfo Panyin Dibelius yɛɛ adwene sɛ Hitler agye Germany afi Bolshevik ɔman anidan a ɛreba no mu, na ɔde asomdwoe ne dwoodwoo asetra aba . . . Mormon asɔre no kasa kyerɛɛ n’asɔremma sɛ etia Mormonfo mmara sɛ wɔbɛsɔre atia Hitler.” Na ɔde ka ho sɛ: “Wɔka kyerɛɛ Katolekfo sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde kronkron sɛ wɔbɛyɛ osetie ama ɔman foforo no, asɛyɛde a wɔannyae mu da bere mpo a asɔfo no huu ahude a wɔyɛe wɔ apuei fam no nyinaa akyi no.”

Na Yehowa Adansefo nso ɛ? Ɔbenfo Weiss da no adi sɛ “sɛ́ kuw no, Yehowa Adansefo nkutoo na wɔko tiaa Nasifo no.” Ɔbenfo Weiss toa so sɛ, wɔde wɔn mu mpempem pii guu afiase, “nanso na anka wobetumi agyae Ɔdansefo biara a wɔde no kɔɔ nneduaban mu denam ne nsa a ɔde bɛhyɛ krataa bi ase sɛ wapa ne gyidi no so kɛkɛ.”

Ɛdefa Yehowa Adansefo mudi mu kura ho no, Ɔbenfo Weiss ka sɛ: “Wɔn nhwɛso no yɛ akokoduru ne tumi soronko a na ɛwɔ tete Kristosom mu ansa na ɛrebɛyɛ ahyehyɛde ma ɛde ne ho ahyehyɛ asetra mu nsɛm mu ma abunkam ɔpɛ a na wɔwɔ sɛ wɔbɛtra ase sɛ mudi mu kurafo a wogyina hɔ pintinn no so. Sɛnea Protestantfo sɔfo bi kyerɛw kɔmaa wɔn no, ‘Ɛnyɛ asɔre akɛse no, na mmom saa nkurɔfo yi a wotwirii wɔn dii wɔn ho fɛw no ne nkurɔfo a wodii kan gyinaa pintinn wɔ Nasi adaemone no abufuw ano, na wotumi de akokoduru poo nea ɛne wɔn gyidi nhyia.’”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena