Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 2/1 kr. 7
  • Boasetɔ De Onyankopɔn Nhyira Ba Wɔ Malawi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boasetɔ De Onyankopɔn Nhyira Ba Wɔ Malawi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Memaa Yehowa Kyerɛɛ Me Kwan a Memfa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • ‘Anigye Ne Wɔn A Wɔanya Boasetɔ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Yehowa Dwen Yɛn Ho Bere Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • ‘Nea Ɔde Animia Gyinaa Pintinn No, Munsusuw Ne Ho Yiye’
    “Bra Bedi M’akyi”
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 2/1 kr. 7

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Boasetɔ De Onyankopɔn Nhyira Ba Wɔ Malawi

NÁ Yosef yɛ Yehowa somfo nokwafo. (Hebrifo 11:22) Ná ɔyɛ ɔbarima a ɔwɔ boasetɔ soronko nso. Ɛwom sɛ n’ankasa ne nuabarimanom yii no mae, wɔtɔn no mprenu kɔɔ nkoasom mu, na akyiri yi wɔbɔɔ no atoro sobo de no kɔtoo afiase de, nanso Yosef ampa abaw. Mmom, ɔde boasetɔ gyinaa ahohia ano mfe pii, brɛɛ ne ho ase twɛnee Yehowa nhyira.—Genesis 37:23-28, 36; 39:11-20.

Saa ara na nnɛ, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Malawi de boasetɔ atwɛn Onyankopɔn nhyira. Saa Kristofo Adansefo yi de mfe 26 agyina aban anohyeto ahorow, ɔtaa a ano yɛ den, ne atirimɔdenne pii ano. Nanso wɔn boasetɔ no so aba mfaso!

Bere a ɔtaa baa Malawi wɔ 1967 afe no awiei mu no, na Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ 18,000 na wɔwɔ hɔ. Susuw sɛnea Adansefo no ani gyei ho bere a wohui sɛ wɔde adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo 38,393 na efii 1997 ɔsom afe no ase no—ɛboro bere a wɔbaraa wɔn de no mmɔho abien! Afei nso, nnipa a wɔkɔɔ “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam ahorow 13 a wɔyɛe wɔ Malawi no boroo 117,000. Ampa, Yehowa ahyira wɔn gyidi ne wɔn boasetɔ no so.

Nhyira yi ho nhwɛso bi ne abarimaa bi a wadi mfe 14 a wɔfrɛ no Machaka suahu no. Bere a Machaka penee so sɛ ɔne Yehowa Adansefo besua Bible no, n’awofo bo fuwii paa. Wɔkae sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ Ɔdansefo a, ɛnde tu fi fie.” Nanso ahunahuna yi amma wannyae n’adesua no. Ne saa nti, Machaka awofo gyee ne ntade nyinaa fii ne nsam. Anuanom no yɛɛ ho biribi denam tɔ a wɔtɔɔ foforo maa no no so. Bere a Machaka awofo huu eyi no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ Adansefo no bɛhwɛ wo a, ɛnde tu na wo ne wɔn nkɔtra.” Bere a Machaka susuw asɛm no ho yiye akyi no, ofii fie, na Adansefo abusua bi a wɔwɔ asafo a ɛwɔ hɔ no mu gyee no.

Machaka awofo bo fuwii araa ma wosii gyinae sɛ wobetu afi mpɔtam hɔ na amma wɔne Adansefo no anhyia koraa. Nokwarem no, na ɛhaw Machaka, nanso bere a anuanom no ne no susuw Dwom 27:10 a ɛka sɛ: “M’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa, NW] de, ogye me” ho no, ne werɛ kyekyee kɛse.

Bere bi akyi no, Machaka awofo gyaee nsɛm mu, na osii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔ fie. Ɛda adi sɛ wɔn babarima no bo a na wasi sɛ ɔbɛsom Yehowa no nyaa wɔn so nkɛntɛnso pa, efisɛ na wɔn nso wɔpɛ sɛ Yehowa Adansefo ne wɔn sua Bible no! Wɔn nso, wɔkɔɔ “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam no nnansa no nyinaa bi, na ɛno akyi na ɛkaa wɔn ma wɔkae sɛ: “Eyi yɛ Onyankopɔn ahyehyɛde ampa.”

Yiw, ɔsɔretia tumi de sɔhwɛ ba, nanso Onyankopɔn asomafo anokwafo mpa abaw. Wɔde akokoduru ko kɔ wɔn anim bere a wonim sɛ “ahohia de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahu ba” no. (Romafo 5:3, 4) Yehowa Adansefo a wɔwɔ Malawi no betumi adi ho adanse ma afata sɛ boasetɔ de Onyankopɔn nhyira ba.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena