Daakye Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn Asase Yi?
World Military and Social Expenditures 1996 ka sɛ: “Wɔ abakɔsɛm mu no, afeha foforo biara nto afeha a ɛto so 20 yi wɔ ɔmanko a ɛnkyerɛ anibue a akɔ so, akodi dodow a akɔ so, aguanfo bebrebe a ɛde aba, nnipa ɔpepem pii a wɔakunkum wɔn wɔ akodi mu, ne sika pii a wɔasɛe no wɔ ‘bammɔ’ nhyehyɛe ho no mu.” Tebea yi bɛsesa da bi?
Ɔsomafo Petro kaee Kristofo ɛbɔ bi a Onyankopɔn hyɛ too hɔ mfehaha pii no sɛ: “Sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:13) Wodii kan kaa saa nsɛm no wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu. (Yesaia 65:17; 66:22) Tete Israel huu ne mmamu a edi kan bere a wɔmaa ɔman no fii mfirihyia 70 Babilon nnommumfa mu san kɔɔ wɔn bɔhyɛ asase so no. Petro nam “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho bɔhyɛ no a ɔsan tĩĩ mu no so kyerɛe sɛ nkɔmhyɛ no benya mmamu a ɛkyɛn saa—wɔ wiase nyinaa!
Onyankopɔn pɛ ne sɛ trenee bɛtra asase nyinaa so, na ɔnam ne soro Ahenni a Kristo bedi so sɛ Ɔhene no so na ɛbɛyɛ saa. “Ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” (Yesaia 2:4) Asomdwoe ne dwoodwoo a edi mũ saa a ɛbɛba asase so no na Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnhwɛ kwan na wɔmmɔ ho mpae wɔ nea wɔtaa frɛ no Yɛn Agya a Wowɔ Soro, anaa Awurade Mpaebɔ no mu sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:9, 10.
So w’ani begye ho sɛ wobɛtra wiase a trenee te mu te sɛ soro mu? Ɛno ne anidaso a Bible ma obiara a ofi koma nyinaa mu bɔ mmɔden sɛ obehu Nyankopɔn, na ɔtra ase ma ɛne ne trenee akwan hyia no nya.