Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 7/1 kr. 32
  • Wo Kasa Pira Anaasɛ Ɛsa Yare?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wo Kasa Pira Anaasɛ Ɛsa Yare?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 7/1 kr. 32

Wo Kasa Pira Anaasɛ Ɛsa Yare?

WƆ MMERE a emu yɛ den yi mu no, ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ nnipa pii “koma abubu” na wɔn “honhom apɛtɛw.” (Dwom 34:18) Ne saa nti, sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, ɛho hia bere nyinaa sɛ ‘yɛkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ’ na ‘yeso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Nanso sɛ ɛba sɛ yɛn yɔnko bi fom yɛn anaasɛ odi mfomso bi a anibere wom nso ɛ? Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ebia yɛbɛte nka sɛ ɛfata sɛ yɛka onii no anim denneennen. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye. Afotu a ɛfata mpo betumi ayɛ nea epira bere a wɔde ma wɔ ɔhyɛ so no. Mmebusɛm 12:18 ka sɛ: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe.”

Ɛno nti, sɛ yɛde nteɛso rekɔma anaasɛ yɛrekosiesie asɛm bi a, ɛho hia sɛ yɛkae Mmebusɛm 12:18 no fã a ɛto so abien no: “Onyansafo tɛkrɛma sa yare.” Bisa wo ho bere nyinaa sɛ, ‘Sɛ ehia sɛ wɔteɛ me so a, anka ɔkwan bɛn na m’ani begye ho sɛ wɔne me ka no?’ Yɛn mu dodow no ara gye nkuranhyɛ tom sen ɔkasatia. Enti ma wo nkamfo nnɔɔso. Eyi bɛtaa ama nea wadi mfomso no anya nea ɛbɛhyɛ no nkuran ma wanya nkɔso, na n’ani bɛsɔ mmoa biara a wɔde bɛma no.

Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛma odwo ba yɛn kasa mu bere nyinaa! Nsɛm a ɛma ayaresa bɛma nea ɔte no ate nka te sɛ odwontofo no, bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Ma ɔtreneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔe so, ɛyɛ tiri so ngo a me ti rempo.”—Dwom 141:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena