Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Ntwentwɛn Wo Nan Ase sɛ Wobɛbɔ Asɛmpa no Ho Dawuru
BERE a edi kan a Europa abɔrehufo kɔsraa Venezuela Faka ne Maracaibo Ɔtare no, na asese nketenkete bi a wɔde daha akuru so pii sisi nnua so wɔ nsu no ano baabi a ɛhɔ nnɔ no. Nea wohui no kaee wɔn Venice a ɛwɔ Italy, beae a nkurɔfo sisi wɔn adan wɔ nsu ano no. Saa nti abɔrehufo a na wɔka Spania kasa no too hɔ din Venezuela, a asekyerɛ ne “Venice Ketewa.”
Ɛnnɛ, adansi adwuma foforo rekɔ so wɔ saa kurow fɛfɛ yi mu, honhom fam de. Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no de wɔn ho ahyɛ Ahenni aba no gu mu denneenen wɔ tebea a ɛfata biara mu. Honhom fam otwa a efi mu reba no de anuonyamhyɛ kɛse rebrɛ “otwa wura no,” Yehowa Nyankopɔn.—Mateo 9:37, 38.
Bere a ɔhwɛfo kwantuni bi kɔsraa asafo bi wɔ Zulia mantam a ɛwɔ Venezuela atifi fam atɔe no, Adansefo a wɔwɔ hɔnom no yɛɛ nhyehyɛe ma ɔne ne yere kɔsraa supɔw ketewa bi a ɛbɛn hɔ a wɔfrɛ no Toas. Bere a na wodi santen mu retwɛn hyɛmma a ɛkɔ supɔw no so anɔpatutuutu no, ɔhwɛfo kwantufo no yere, Mery, susuw ho kyerɛɛ onuawa kwampaefo bi a na ɔka ne ho sɛ wɔmma wɔne hyɛmma no mu adwumayɛfo no bi mmɔ nkɔmmɔ. Onuawa kwampaefo no penee so.
Bere a oduu obi a na osiesie mfiri nkyɛn no, Mery maa no Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no bi. Obuee ti a ɛka “Abusua a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam a Wobɛhyehyɛ” ho asɛm no de kyerɛɛ no, na n’ani gyee ho. Afei Mery kyerɛkyerɛɛ mu sɛ obetumi de nhoma yi ayɛ Bible adesua wɔ n’ankasa fie. Ogyee nhoma no, na wɔyɛɛ nhyehyɛe ma obi kɔsraa no wɔ ne fie.
Bere tiaa bi akyi no, wɔyɛɛ da koro nhyiam titiriw wɔ mpɔtam hɔ. Hwɛ sɛnea ɛyɛɛ Mery nwonwa sɛ ohuu nea osiesie mfiri no, Senor Nava, ne yere ne ne mma mmea nkumaa baanu wɔ hɔ! Mery bisaa ɔyere no nea osusuw wɔ wɔn abusua Bible adesua no ho. Ne mmuae a ɔde mae no yɛ nea na ɛyɛ nwonwa dodo.
Ɔkae sɛ: “Meda Yehowa ase sɛ yɛahu nokware no.” Afei ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ. “Bere a mokasa kyerɛɛ me kunu no, saa bere no ara na wagyae me akɔfa ɔbea foforo. Ná ɔsan yɛ ɔsadweam nso. Ɛtɔ mmere bi na sɛ ɔboro nsã a, ɔka kasa fĩ, na na kurow ketewaa a ɛwɔ supɔw no so mufo mpɛ. Ɔde ne ho hyɛɛ ahonhonsɛmdi mu nso. Nanso, Bible mu nimdeɛ a onya fi adesua no mu no aboa no ma wayɛ nsakrae akɛse wɔ n’asetra mu. Wagyae ne nneyɛe bɔne no nyinaa. N’awofo a wɔyɛ Katolekfo no ani agye saa nsakrae yi ho. Wɔn ani agye sɛ afei de wabɛyɛ okunu ne agya a wotumi de ho to ne so.”
Wɔbɔɔ Senor Nava asu wɔ 1996 mu na mprempren ɔsom sɛ bere nyinaa somfo. Ne yere, Jenny, nso bɔɔ asu wɔ 1997 mu. Nsakrae a hyɛmma ho mfiri siesiefo yi yɛe no kaa kurow no sohwɛfo koma ara ma ɔno nso kae sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua. Hwɛ anigye ara a anuanom mmea no anya sɛ wɔantwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ asɛmpa no ho dawuru bere a na wodi santen mu retwɛn hyɛmma saa anɔpa no!
[Kratafa 7 mfonini ahorow]
Asɛmpa no a wɔka kyerɛɛ hyɛmma ho mfiri siesiefo bi no de anigyesɛm bae