Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 11/1 kr. 32
  • ‘Hena Na Ɔde Nyansa Siee Amununkum MU’?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Hena Na Ɔde Nyansa Siee Amununkum MU’?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 11/1 kr. 32

‘Hena Na Ɔde Nyansa Siee Amununkum MU’?

“SƐ MUHU sɛ osu amuna atɔe fam a, ntɛm ara na muse: Osu reba; na ɛba sa. Na muhu sɛ nifa mframa bɔ a, muse: Ahohuru reba; na ɛba mu.” Yesu nsɛm yi a Asɛmpa kyerɛwfo Luka kyerɛwee no yɛ akwan a na wɔfa so kyerɛ sɛnea wim bɛyɛ wɔ tete Palestina no ho nhwɛso. (Luka 12:54, 55) Wɔ tebea horow bi mu no, na tetefo no tumi gyina nsɛnkyerɛnne no so ka sɛnea wim bɛyɛ wɔ bere tiaa bi mu to hɔ.

Ɛnnɛ, wim tebea ho adenimfo de nnwinnade a ano yɛ nnam te sɛ ahunmu mfoninitwa mfiri, mfiri a wɔde susuw wim hyew, ne kɔmputa ahorow a etu mpɔn, kyerɛ sɛnea wim bɛyɛ wɔ bere tenten mu. Nanso nea wɔka no ntaa mma. Dɛn ntia?

Nneɛma pii na ɛma ɛyɛ den sɛ wɔbɛkyerɛ sɛnea wim bɛyɛ pɛpɛɛpɛ. Sɛ nhwɛso no, nsakrae a ɛba mpofirim wɔ wim hyew, huruhurow, mframa dodow a ɛwɔ wim, ne mframa anoden ne baabi a ani kyerɛ mu no betumi ama nneɛma asete ayɛ den. Nea ɛka eyi ho ne dwuma titiriw a owia, amununkum, ne ɛpo bom di a nyansahufo ntumi ntee ase yiye de besi nnɛ no. Ne saa nti, nyansahufo ntumi nka sɛnea wim bɛyɛ pɛpɛɛpɛ a wɔmfom da.

Wim tebea ho nimdeɛ pii a nnipa nni no kae yɛn asɛm bi a wobisaa Hiob: “Hena na ɔwo obosu a ɛsosɔ? Hena yam na nsu nkyenkyenee [fi?] . . . So woma wo nne so kɔ amununkum mu sɛ nsu pii mmɛkata wo ho anaa? . . . Hena na ɔde nyansa siee ayamde [amununkum, NW] mu, anaasɛ hena na ɔde nhumu maa honhom? Hena na ɔde nyansa kenkan amununkum, na ɔsoro nkotoku no, hena na ɔdan [no]?”—Hiob 38:28-37.

Nsɛmmisa yi nyinaa ho mmuae ne sɛ, Ɛnyɛ onipa na mmom Yehowa Nyankopɔn. Yiw, ɛmfa ho sɛnea nnipa nyansa te no, yɛn Bɔfo no nyansa boro yɛn de so korakora. Ne nyansa a wayi no adi akyerɛ yɛn wɔ Bible mu sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn bra besi yɛn yiye no kyerɛ ɔdɔ ankasa a ɔwɔ.—Mmebusɛm 5:1, 2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena