“Mone Nkurɔfo a Moreyɛ Nea Onyankopɔn Hwehwɛ sɛ Yɛyɛ”
SƐ “Awurade nti” Kristofo ne wiase atumfoɔ no yɛ biako a, wobetumi ahwɛ kwan sɛ wɔn nsa bɛka “papayɛfo ayeyi.” (1 Petro 2:13-15) Yehowa Adansefo a wɔwɔ South Africa no nyaa eyi ho osuahu nnansa yi ara wɔ ɔmantam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ kɔlege bi asa so no ase.
Wɔ nhyiam no da a edi kan no, polisifo a wɔwɛn kɔlege hɔ no siesiee wɔn ho sɛnea wɔyɛ daa no de twɛn nhyiamfo a wɔyɛ basabasa a na wɔn bo nkyɛ fuw, sɛnea ɛkɔ so wɔ nhyiam foforo a ɛtete saa ase no. Nanso, bere a na wonhyiaa Yehowa Adansefo da na, na wɔrebenya osuahu bi a ɛyɛ anigye yiye!
Polisifo a wɔwɛn yi hwehwɛɛ kar biara a na ɛrewura sukuu no mu ne nea na ɛrepue biara mu sɛnea wɔyɛ nhwehwɛmu daa wɔ pon ano no. Sɛnea nhyiamfo no fi adamfofa, ntoboaseɛ ne obu mu kyiaa wɔn no maa wɔn ho dwiriw wɔn, ɛwom mpo sɛ na nhwehwɛmu no ma nhyiamfo no ka akyi de. Nsɛm ano yiyi, akyinnyegye, ne kasafĩ a ɛtaa kɔ so no mu biara ansi. Awɛmfo panyin biako kae sɛ: “Monte sɛ ahɔho afoforo no, moda ahobrɛase ne nidi a ɛfata adi ma yɛn nyinaa hu.”
Bere a awɛmfo panyin no behuu biakoyɛ su a Yehowa Adansefo no da no adi no, ɔkae sɛ ɛho nhia sɛ wɔbɛhwehwɛ kar ahorow no mu, na ose, “mubu ade yiye.” Ne saa nti, wɔmaa kar biara a wɔde ahyɛnsode “JW” atare ho no kwan kɔɔ mu a wɔanhwehwɛ mu.
Bere a nhyiam no baa awiei no, awɛmfo panyin no kae sɛ ɔhwɛ kwan sɛ ɛnkyɛ ɔbɛsan ahu Adansefo no wɔ hɔ bio. Ɔkae sɛ: “Yenhuu nnipa a wɔwɔ su pa sɛɛ da. Mone nkurɔfo a moreyɛ nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ no.” Nkamfo a ɛte saa no san kanyan nokware Kristofo ma ‘wokura wɔn bra pa mu,’ na ama sɛ nkurɔfo ‘hu wɔn nnwuma pa no a wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam.’—1 Petro 2:12.