Atumfoɔ Kamfo Adansefo
WƆ Cádiz, Spain, kurow bi a po so hyɛn gyinabea wɔ hɔ a ɛwɔ Madrid kesee fam atɔe bɛyɛ kilomita 500, mu no, kurow sohwɛfo Doña Teófila Martínez de nkaedum (a ne mfonini wɔ atifi hɔ no) maa Yehowa Adansefo. Ɛkenkan sɛ: “Yɛde Yehowa Adansefo din ato Cádiz kurow asa no so de rekyerɛ wɔn biakoyɛ ne mmɔden a wɔabɔ wɔ kurow yi ho no ho anisɔ.” Dɛn na Adansefo no yɛe a ɛma wonyaa nidi yi?
Wɔde Adansefo no din too so de kyerɛɛ adwuma a wɔayɛ de asiesie kurow no agumadibea kɛse no fã bi no ho anisɔ. Adansefo ɔhaha pii tuu wɔn ho mae de adapɛn pii boa yɛɛ Carranza bɔɔlbɔ agumadibea hɔ fam agyananbea no foforo. Seesei, wɔn a wɔkɔ agumadibea hɔ nyinaa nya dorobɛn mu nsu, dorobɛn ho nneɛma a wɔde abobɔ hɔ ne fam hɔ a wɔasiesie no so mfaso.
Mmere kakra ni, Yehowa Adansefo ne Cádiz kurow no mufo anya abusuabɔ pa. Afe biara kurom hɔ atumfoɔ no fi ayamye mu de Carranza Agumadibea no ma Adansefo no de yɛ wɔn afe afe ɔmantam nhyiam. Enti, Adansefo no ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi de aboa asiesie agumadibea hɔ.
Nanso, sɛ honam fam adwumaden yi a wɔyɛ no bere ne bere mu no da nkyɛn a, Yehowa Adansefo kɔsra kurow no mpɔtam ahorow no daa kɔboa ɔmamfo no wɔ ɔkwan foforo so. Wɔka Onyankopɔn Ahenni ho “asɛmpa” no. Nokwarem no, ɛnyɛ nnipa anim nkamfo nti na wɔyɛ wɔn asɛnka adwuma no. Wɔyɛ saa de di Yesu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka “ahenni no ho asɛmpa” na ‘yɛnyɛ amanaman nyinaa n’asuafo’ no so. (Mateo 24:14; 28:19) Saa kwan yi so no, Yehowa Adansefo wɔ anidaso sɛ wɔbɛboa ɔmamfo no denam nnipa a wɔkyerɛkyerɛ wɔn wɔ “trenee kwan” so no so.—Mmebusɛm 12:28.