Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 4/15 kr. 30
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wowɔ Honhom a Enwu Da?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • So Wowɔ Honhom a Enwu Da?
    So Wowɔ Honhom a Enwu Da?
  • Nkwagye Da No Ni!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Yesu Gye Nkwa—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 4/15 kr. 30

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

◻ Dɛn nti na Paulo asɛm “abɔfo ma Kristo” no yɛ nea ɛfata Kristofo a wɔasra wɔn no? (2 Korintofo 5:20) Tete mmere mu no, na wotu abɔfo wɔ mmere a ɔko asi mu titiriw ma wɔkɔhwɛ sɛ ebia wobetumi akwati ɔko no anaa. (Luka 14:31, 32) Esiane sɛ adesamma wiase bɔne no atwe ne ho afi Onyankopɔn ho nti, ɔno na wasoma n’abɔfo a wɔasra wɔn no sɛ wɔnkɔka mpata ho nhyehyɛe a wayɛ nkyerɛ nkurɔfo ma wɔnhwehwɛ wɔne Onyankopɔn ntam asomdwoe.—12/15, kratafa 18.

◻ Nneɛma anan bɛn na ɛhyɛɛ Abraham gyidi den? Nea edi kan no, ɔdaa ne gyidi a ɔwɔ wɔ Yehowa mu no adi denam nea Onyankopɔn ka a na otie so (Hebrifo 11:8); nea ɛto so abien, na ne gyidi ne n’anidaso wɔ abusuabɔ a emu yɛ den (Romafo 4:18); nea ɛto so abiɛsa, na Abraham taa ne Yehowa kasa; na nea ɛto so anan no, Yehowa boaa Abraham bere a na odi ɔsoro akwankyerɛ akyi no. Ɛnnɛ nso, saa nneɛma yi betumi ahyɛ yɛn gyidi den.—1/1, nkratafa 17, 18.

◻ Asɛm “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu” no kyerɛ dɛn? (Mateo 6:13) Yɛresrɛ Onyankopɔn sɛ, sɛ wɔresɔ yɛn ahwɛ ama yɛayɛ asoɔden atia no a, ɔmmma yɛn nnhwe ase. Yehowa betumi abɔ yɛn ho ban na yɛannyae yɛn ho mu, amma Satan, “ɔbɔne no” annya yɛn. (1 Korintofo 10:13)—1/15, kratafa 14.

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ na wanya Onyankopɔn hɔ fafiri wɔ bɔne bi a wayɛ ho? Ɛsɛ sɛ yɛde ahonu ne “aba a ɛsɛ adwensakra” ka yɛn bɔne a yɛbɛka akyerɛ Onyankopɔn no ho. (Luka 3:8) Adwensakra honhom ne ɔpɛ a obi wɔ sɛ obegyae bɔne no bɛka no ma wahwehwɛ honhom mu mmoa afi Kristofo mpanyimfo hɔ. (Yakobo 5:13-15)—1/15, kratafa 19.

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase? Ɔhobrɛasefo wɔ boasetɔ ne abodwokyɛre, na ommu ne ho dodo. Ahobrɛase ma wunya nokware nnamfo a wɔdɔ wo. Nea ɛsen saa no, ɛde Yehowa nhyira ba. (Mmebusɛm 22:4)—2/1, kratafa 7.

◻ Nsonsonoe kɛse bɛn na ɛda Yesu wu ne Adam de no ntam? Ná Adam wu no fata, efisɛ ofi ne pɛ mu yɛɛ ne Bɔfo so asoɔden. (Genesis 2:16, 17) Nea ɛne no bɔ abira no, Yesu wu no mfata no koraa, efisɛ “wanyɛ bɔne” biara. (1 Petro 2:22) Enti bere a Yesu wui no, onyaa biribi a ɛkyɛn so a ɔbɔnefo Adam nsa anka wɔ ne wu mu—ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ hokwan. Enti na Yesu wu no yɛ afɔrebɔ a ɛsom bo a wɔnam so gye adesamma.—2/15, nkratafa 15, 16.

◻ Wɔ Hesekiel nkɔmhyɛ anisoadehu mu no, na kurow no gyina hɔ ma dɛn? Esiane sɛ na kurow no da asase a wɔahura ho (ɛho ntew) so nti, ɛsɛ sɛ ɛyɛ biribi a ɛwɔ asase so. Enti, ɛda adi sɛ egyina hɔ ma asase so afisiesie a ɛso ba wɔn a wɔbɛyɛ asase so trenee ahyehyɛde no mfaso no.—3/1, kratafa 18.

◻ Dɛn nti na Yesu hohoroo n’asuafo no nan ho bere a wɔredi Twam wɔ afe 33 Y.B. no? Ná ɛnyɛ sɛ Yesu rehyehyɛ amanne kwan so nan ho hohoro. Mmom no, na ɔreboa n’asomafo no ma wɔanya adwene foforo—nea ɛbɛma wɔabrɛ wɔn ho ase na wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nnwuma a ɛba fam de asom wɔn nuanom.—3/1, kratafa 30.

◻ Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ afoforo a, dɛn na ɛho hia sen yɛn ankasa mmɔdenbɔ ahorow? Ɛyɛ su pa ahorow a yɛwɔ ne honhom mu su a yɛanya a yɛn asuafo betumi asuasua. (Luka 6:40; 2 Petro 3:11)—3/15, nkratafa 11, 12.

◻ Ɔkwan bɛn so na baguam akasafo betumi ama wɔn Kyerɛwnsɛm akenkan atu mpɔn? Sɛ wɔbɛtaa akenkan ade. Yiw, ɛdenam kenkan a wɔbɛkenkan no den mpɛn pii kosi sɛ wobetumi akenkan ama akɔ yɔɔ so. Sɛ wowɔ Bible ho kasɛt ahorow a, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubetie sɛnea ɔkenkanfo no si nsɛm so dua sakra ne nne na woahyɛ sɛnea ɔbobɔ edin ahorow ne nsɛmfua a wunnim no nsow.—3/15, kratafa 20.

◻ Ɔkwan bɛn so na ‘honhom san kɔ Onyankopɔn nkyɛn’ bere a onipa bi awu no? (Ɔsɛnkafo 12:7) Esiane sɛ honhom no ne nkwa tumi nti, “ɛsan kɔ nokware Nyankopɔn no nkyɛn” wɔ ntease a ɛne sɛ, afei de anidaso a ɛwɔ hɔ sɛ saa onipa no bɛtra ase daakye no, gyina Onyankopɔn so titiriw. Onyankopɔn nkutoo na obetumi de honhom, anaa nkwa tumi no, asan ama, na ama onipa no asan aba nkwa mu bio. (Dwom 104:30)—4/1, kratafa 17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena