“Wosuroo Nokware Nyankopɔn No”
BERE a na Israefo no wɔ nkoasom mu wɔ Misraim no, wɔde Hebrifo a wogye awo, Sifra ne Pua too ahohia mu. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasiw ananafo a na wɔredɔɔso dodo no ano no, Farao hyɛɛ saa awogyefo yi sɛ: “Sɛ mukogye Hebrifo mmea awo, na muhu . . . sɛ ɔyɛ ɔbarima a, munkum no.”—Exodus 1:15, 16.
Na Sifra ne Pua ‘suro nokware Nyankopɔn no,’ enti wonyaa akokoduru na ‘wɔanyɛ nea Misraim hene ka kyerɛɛ wɔn no.’ Mmom no, wɔkoraa nkokoaa a na wɔyɛ mmarima no so, ɛmfa ho sɛ na gyinae a wofi akokoduru mu sii yi betumi de wɔn ato asiane mu. Yehowa ne “awogyefo no dii no yiye,” na otuaa wɔn ka sɛ wɔbɔɔ nkwa ho ban.—Exodus 1:17-21.
Saa asɛm yi kyerɛ anisɔ a Yehowa wɔ ma wɔn a wɔsom no. Ɛmfa ho sɛ na nea Sifra ne Pua yɛe yi gye akokoduru no, na anka obetumi abu no sɛ ɛkyerɛ mmɔborohunu ara kwa. Anyɛ yiye koraa no, ɔbea a n’adwenem da hɔ biara renkum nkokoaa! Nanso akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ammu n’ani angu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa ho suro ama nnipa bi adi atirimmɔdensɛm akɛse no so. Ohui sɛ ɛnyɛ ayamye nko na ɛkanyan saa awogyefo yi na mmom na wɔwɔ nyamesuro ne ahofama nso.
Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn a ɔkyerɛ yɛn nokwaredi ho anisɔ! Nokwarem no, ebia yɛn mu biara nhyiaa nokwaredi ho sɔhwɛ a wɔmaa Sifra ne Pua hyiae no. Nanso sɛ yegyina pintinn yɛ nea ɛteɛ—wɔ sukuu mu, adwumam, anaasɛ tebea foforo biara mu—a Yehowa mmu n’ani ngu yɛn nokware dɔ no so. Mmom “ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Yiw, “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.”—Hebrifo 6:10.