Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 1/15 kr. 32
  • Afe a Wɔkyekyɛɛ Bible Pii Sen Biara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afe a Wɔkyekyɛɛ Bible Pii Sen Biara
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 1/15 kr. 32

Afe a Wɔkyekyɛɛ Bible Pii Sen Biara

NNIPA pii wɔ Bible nnɛ sen bere foforo biara. Saa na amanneɛbɔ bi a efi Bible Nkabom Kuw hɔ kyerɛ, efisɛ Bible a wɔkyekyɛe wɔ 1998 mu no boroo afe a etwaam no de so bɛyɛ ɔpepem fã. Ne nyinaa mu no, wɔkyekyɛɛ Bible 585,000,000—ne mũ anaa ne fã bi—wɔ wiase nyinaa. Amanneɛbɔ no ka sɛ: “Eyi yɛ ade a ɛhyɛ nkuran. Onyankopɔn Asɛm adu nnipa pii nkyɛn nnɛ.”

Nokwarem no, ɛsono sɛ obi wɔ Bible, ɛna ɛsono sɛ ɔkenkan. Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu bi ma ɛdaa adi sɛ, anyɛ yiye koraa no, Amerikafo ɔha biara mu 90 wɔ Bible mmiako mmiako, na dodow a ɛte saa ara na wogye di sɛ abrabɔ ho nkyerɛkyerɛ pa wɔ Bible mu. Nanso, wɔn mu ɔha biara mu 59 pɛ na wɔkae sɛ wɔhwehwɛ afotu fi Bible mu. Na ɔha biara mu 29 gye toom sɛ Bible no, “wonnim mu papa” anaasɛ “wonnim mu koraa.”

Yehowa Adansefo ntintim Bible nkyekyɛ kɛkɛ, na mmom, wɔne nkurɔfo yɛ ofie Bible adesua nso wɔ nsase bɛboro 230 so a wɔmma wontua hwee. Nnipa ɔpepem pii na wɔrenya saa Bible nkyerɛkyerɛ adwuma yi so mfaso nnɛ wɔ wiase nyinaa. Wɔaboa wɔn ma wɔagyina wɔn nsɛnnennen a wɔrehyia mprempren no ano, na wosua daakye a eye a ɛbɛba wɔ Onyankopɔn Ahenni mu a Bible ka ho asɛm no ho ade.—Yesaia 48:17, 18; Mateo 6:9, 10.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 32]

Ofie Bible adesua a wɔyɛ wɔ (efi benkum so soro kɔ nifa so) Bolivia, Ghana, Sri Lanka ne England

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena