Nnyinasosɛm Bi Nti na Owui
“YƐKAE August Dickmann (wɔwoo no 1910), a na ɔyɛ Yehowa Dansefo no.” Wɔde saa nkyerɛwee yi na efii nsɛm bi a ɛwɔ nkaedum bi (a ne mfonini wɔ ha) a nnansa yi ara wohui wɔ kan nneduaban a ɛwɔ Sachsenhausen ho no ase. Dɛn nti na wɔyɛ nkaedum a ɛte saa ma obi a na ɔyɛ Yehowa Dansefo? Nkyerɛwee a aka no ka asɛm no nyinaa: “Esiane ɔsom mu ahonim nti, Nasi asraafo too no tuo kum [no] wɔ baguam wɔ September 15, 1939 mu.”
Wɔde August Dickmann too nneduaban mu wɔ Sachsenhausen wɔ 1937 mu. Wiase Ko II pae gui wɔ 1939 mu nnansa akyi no, wɔhyɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nhyɛ asraadi krataa ase. Bere a ɔpoe no, nneduaban mu sahene no kohuu Heinrich Himmler, a na ɔda Nasi asraafo (Schutzstaffel Hitler abirɛmpɔn awɛmfo) ano no, na ɔsrɛɛ no kwan sɛ ɔmma onkum Dickmann wɔ nneduafo no nyinaa anim. Wɔ September 17, 1939 mu no, The New York Times bɔɔ amanneɛ fii Germany sɛ: “Wɔato August Dickmann a wadi mfe 29, . . . no tuo akum no wɔ ha.” Atesɛm krataa no kae sɛ ɔno ne Germanni a odi kan a ne som mu ahonim amma no kwan sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ ɔko no mu.
Mfe aduosia akyi, wɔ September 18, 1999 mu no, Brandenburg Memorial Foundation kaee Dickmann wu no, na seesei nkaedum no ma nsrahwɛfo kae n’akokoduru ne ne gyidi a na ɛyɛ den no. Nkaedum a ɛto so abien a ɛbɔ kan nsraban no fasu akyi no kae nsrahwɛfo sɛ na Dickmann yɛ Yehowa Adansefo bɛyɛ 900 a wohuu amane wɔ wɔn gyidi ho wɔ Sachsenhausen no mu biako pɛ. Nnipa pii huu amane wɔ nsraban afoforo mu. Yiw, wɔ tebea a enye koraa mpo mu wɔ nneduaban mu no, nnipa pii de nokwaredi kuraa nnyinasosɛm a eye mu pintinn.
Wɔ Yehowa Adansefo fam no, ɛyɛ wɔn Kristofo asɛde sɛ ‘wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ [nniso] tumi a ɛwɔ anuonyam no ase.’ (Romafo 13:1) Nanso sɛ nniso ahorow no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔato Onyankopɔn mmara horow a, wodi Kristo asomafo a wɔkaa eyi no nhwɛso akyi: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.” (Asomafo no Nnwuma 5:29, NW) Ne saa nti, wɔ wiase a mmusua ntam nitan de mpaapaemu ne atirimɔdensɛm a ɛyɛ ahodwiriw aba mu no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabiara, di asomdwoe akyi te sɛ nea August Dickmann yɛe no. Wodi Bible afotu yi akyi: “Mma bɔne nnni wo so nim, na mmom fa papa di bɔne so nim!”—Romafo 12:21.