Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 5/1 kr. 23
  • ‘Metwa W’afɔremuka Ho Mahyia, Yehowa’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Metwa W’afɔremuka Ho Mahyia, Yehowa’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 5/1 kr. 23

‘Metwa W’afɔremuka Ho Mahyia, Yehowa’

“MƐHOHORO me nsa, bemdi mu, na matwa w’afɔremuka ho mahyia, [Yehowa, NW].” (Dwom 26:6) Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete no de nsɛm yi daa ahofama a na ɔwɔ ma Yehowa no adi. Nanso dɛn nti na na ‘obetwa’ Yehowa afɔremuka ho ‘ahyia,’ na ɔkwan bɛn so na na ɔbɛyɛ saa?

Dawid fam no, baabi titiriw a na wɔsom Yehowa no ne ntamadan a na wɔde kɔbere adura n’afɔremuka ho, a ne nniso no mu no, na ɛwɔ Gibeon, wɔ Yerusalem atifi fam no. (1 Ahene 3:4) Ná afɔremuka no kɛse bɛyɛ mita 2.2, a sɛ wɔde toto afɔremuka kɛse a na wobesi wɔ Salomo asɔrefie hɔ no ho a, na esua koraa.a Nanso, Dawid ani gyee ntamadan no ne n’afɔremuka a na ɛyɛ beae titiriw a wɔde ɔsom kronn ma wɔ Israel no ho kɛse.—Dwom 26:8.

Ná wɔbɔ ɔhyew afɔre ahorow, asomdwoe afɔre, ne bɔne ho afɔre wɔ afɔremuka no so, na na wɔbɔ afɔre ahorow ma ɔman no wɔ afe afe Mpata Da no ase. Afɔremuka no ne afɔre a na wɔbɔ wɔ so no kyerɛ biribi ma Kristofo nnɛ. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ afɔremuka no gyina hɔ ma Onyankopɔn apɛde, nea Ɔnam so gyee afɔrebɔ a ɛfata ma adesamma nkwagye no. Paulo kae sɛ: “Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmae no so atew yɛn ho prɛko.”—Hebrifo 10:5-10.

Sɛ asɔfo no rekɔsom wɔ afɔremuka no ho a, na ɛyɛ wɔn amanne sɛ wɔhohoro wɔn nsa de tew wɔn ho. Enti sɛnea ɛfata no, Ɔhene Dawid hohoroo ne nsa “bemdi mu” ansa na ‘ɔretwa afɔremuka no ho ahyia.’ Ofi “koma mu pɛyɛ ne tẽe mu” na ɛyɛɛ ade. (1 Ahene 9:4) Sɛ wanhohoro ne nsa saa kwan yi so a, anka ne som—‘afɔremuka ho twa’ no—rensɔ ani. Nokwarem no, na Dawid nyɛ Lewini, enti na onni hokwan sɛ ɔyɛ asɔfodwuma wɔ afɔremuka ho. Ɛmfa ho sɛ na ɔyɛ ɔhene no, wɔamma no kwan amma wankɔ ntamadan no abangua so mpo. Ne nyinaa akyi no, sɛ́ Israelni nokwafo no, odii Mose Mmara no so de n’afɔrebɔde kɔɔ afɔremuka no ho daa. Otwaa afɔremuka no ho hyiae a nea na ɛkyerɛ ne sɛ, ɔmaa n’asetra gyinaa ɔsom kronn so.

So yebetumi adi Dawid nhwɛso no akyi nnɛ? Yiw. Yɛn nso, sɛ yɛkyerɛ Yesu afɔrebɔ no mu gyidi, na yefi koma nyinaa mu de ‘nsa ne koma a emu tew’ som Yehowa a, yebetumi ahohoro yɛn nsa bemdi mu na yɛatwa Onyankopɔn afɔremuka ho ahyia.—Dwom 24:4.

[Ase hɔ asɛm]

a Ná afɔremuka yi kɛse bɛyɛ mita ahinanan 9.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Afɔremuka no yɛɛ Yehowa apɛde a ɔnam so gyee afɔre a ɛfata ma adesamma nkwagye toom no ho mfonini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena