Awofo Kasa Tia Ɔkyerɛkyerɛfo Bi Adwemmɔne
Mfitiase sukuu kyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ Cassano Murge, Italy, de nkrataa bi maa ne sukuu mmofra bi kɔɔ fie sɛ wɔmfa nkɔtetare apon ho. Asɛm a na ɛwɔ saa nkrataa yi so ne sɛ: “Yɛyɛ Katolekfo. Yehowa Adansefo mmmɔ pon yi mu.”
Sukuufo no awofo bi a wɔnyɛ Yehowa Adansefo mpo kasa tiaa ɔkyerɛkyerɛfo no nneyɛe no denneennen. Sɛnea atesɛm krataa Muoviti Muoviti kyerɛ no, awofo no kae sɛ sɛ ‘wɔde nsɛm a ɛtete saa ma mmofra a ɛbɛma wɔapo obiara a ɔne wɔn nyɛ adwene anaasɛ wɔatwe wɔn ho afi obi ho esiane sɛ “ɛsono” ne som nti.’ Ɔwofo bi a ɔkyerɛw wɔn a wɔyɛ atesɛm krataa no frɛɛ krataa a wɔde tetare ade pon ho no “wura bɔne aba, nea efi nimdeɛ a wonni ne nkwaseasɛm mu ba.”
Sɛnea amanneɛbɔ yi da no adi no, nnipa pii a wɔwɔ adwempa hu asiane a ɛwɔ adwemmɔne aba a wogu no mu. Afei nso wobu Kristofo som adwuma a Yehowa Adansefo yɛ wɔ Italy ne wiase nyinaa no. Dɛn nti na wummisa ‘anidaso a’ Adansefo no ‘kura no ase’? Wɔbɛpɛ sɛ wɔne wo besusuw ho, na wɔde ‘obu kɛse’ na ɛbɛyɛ saa.—1 Petro 3:15.