Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 6/1 kr. 32
  • Kɔ So Di Nokware ma Yehowa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ So Di Nokware ma Yehowa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 6/1 kr. 32

Kɔ So Di Nokware ma Yehowa

ƐWOM sɛ nokwaredi ho yɛ nã nnɛ de, nanso ɛyɛ su a ɛma wohu Yehowa, nokware Nyankopɔn no asomfo. Onipa nokwafo gyina sɔhwɛ mu pintinn na onhinhim ɛmfa ho sɛ ɛkyɛ. Susuw ɔhempa Hesekia ho. Bible no ka sɛ: “N’akyi no obiara amma sɛ ɔno, Yuda ahene nyinaa mu, na obiara anni n’anim saa.” Dɛn na ɛmaa Hesekia yɛɛ soronko? Ná atoro nyame Molek asomfo atwa ne ho ahyia de, nanso “ɔbataa [Yehowa NW] ho.” Yiw, Hesekia ‘ansan amfi Yehowa akyi, na odii ne mmara nsɛm so.’—2 Ahene 18:1-6.

Ɔsomafo Paulo nso yɛ onipa foforo a odii nokware maa Yehowa. Ne som adwuma ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no di Paulo kra nyinaa mu a ofi som Onyankopɔn daa no ho adanse pefee. Bere a Paulo asase so asetra rekɔ awiei no, otumi kae wɔ n’ankasa ho sɛ: “Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie.”—2 Timoteo 4:7.

Nokwaredi ho nhwɛso pa bɛn na yenya fi Hesekia ne Paulo hɔ sɛɛ yi! Ɛmmra sɛ yebesuasua wɔn gyidi denam nokware a yebedi ama Yehowa, yɛn Nyankopɔn Kɛse no so.—Hebrifo 13:7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena