Nnwuma Pa Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam
WƆN a wɔdɔ Onyankopɔn no bɔ mmɔden da honhom mu hann a efi N’asɛm, Bible, mu no adi. Wɔnam saa kwan yi so di Yesu ahyɛde no so sɛ: “Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” (Mateo 5:16) Nsɛm a yɛka ne yɛn abrabɔ pa betumi ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.
Yehowa Adansefo hwehwɛ sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani denam wɔn ade a wɔbɛyɛ ma ɛne Bible no ahyia ne mmɔden a wɔbɔ de boa afoforo wɔ honhom fam no so. Wɔyɛ saa wɔ nsase a wonnya nnyee wɔn baguam som adwuma no ntoom wɔ mmara mu no mpo mu. Wɔ saa aman yi biako ahenkurow mu no, Adansefo no akɔ so ayɛ wɔn afe afe mantam nhyiam a nnipa bɛyɛ 6,000 kosi 9,000 kɔ ase. Wogye asa ahorow wɔ adan bi a wɔde aguade kyerɛ wɔ hɔ mu tua ho ka de yɛ nhyiam a ɛtete saa no. Sɛnea na wɔayɛ mfe a atwam no, ansa na Adansefo no rebɛyɛ wɔn afe 1999 ɔmantam nhyiam no, wɔn mu ɔhaha pii yɛɛ adwumaden de siesiee adan no mu hyehyɛɛ akasam mfiri ne nkongua mpempem pii.
Nkurɔfo huu saa ahosiesie yi nyinaa. Adan no mu adwumayɛfo mpanyimfo no huu dwuma a wodii no. Wohui nso sɛ, ɛmfa ho sɛ nnipa a wɔbaa ase no dodow si 15,666 no, biribiara kɔɔ so pɛpɛɛpɛ, na Adansefo no yɛɛ wɔn ade wɔano wɔano ankasa. Afei nso sɛnea Adansefo no siesiee hɔ yiye bere a wɔyɛɛ nhyiam no wiei no maa adwumayɛfo no ani gyei.
Adwuma no mpanyimfo no daa anisɔ adi wɔ eyinom nyinaa ho denam Adansefo no din a wɔakyerɛw ato hɔ sɛ wɔn na wobedi kan de ɔdan no afɛm wɔn afe a ɛreba no so. Adwuma no mpanyimfo no yɛɛ nea ɛsen saa mpo. July 15, 1999 no, wɔde abasobɔde a wɔde kyerɛ anisɔ maa nhyiam boayikuw no. Na wɔakyerɛw “Yehowa Adansefo asafo” wɔ nkae ade no so—ade a wɔnhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ wɔ ɔman a wɔabara wɔn Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no mu.
Nnipa ɔpepem pii bɛkɔ Yehowa Adansefo “Onyankopɔn Asɛm Yɛfo” Ɔmantam Nhyiam ɔhaha pii a wɔbɛyɛ wɔ wiase nyinaa no ase wɔ afe 2000/2001 mu. Sɛ wokɔ bi a, wubetumi ahu sɛnea wɔn a wofi komam yɛ nea Bible ka no reyɛ nnwuma pa a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam no.