Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 8/1 kr. 32
  • Ɔsoro Nyansa—Ɔkwan Bɛn So na Wɔda no Adi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsoro Nyansa—Ɔkwan Bɛn So na Wɔda no Adi?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 8/1 kr. 32

Ɔsoro Nyansa—Ɔkwan Bɛn So na Wɔda no Adi?

“WOBU ohiani nyansa animtiaa, na ne nsɛm no, wɔnte.” Ɔhene Salomo nyansafo no kaa saa asɛm yi faa ɔbarima hiani nyansafo bi a ogyee kurow mũ fii ɔsɛe mu no ho. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, “obiara ankae onipa hiani no.”—Ɔsɛnkafo 9:14-16.

Nnipa taa bu ahiafo animtiaa, ɛmfa ho mpo sɛ ahiafo a wɔte saa no atumi ayɛ biribi a ɛsom bo no. Ná eyi te saa wɔ Yesu asɛm no mu. Yesaia hyɛɛ ne ho nkɔm sɛ: “Wobuu no animtiaa, na nnipa paa no, ɔyɛ onipa a ohuu ayayade na onim yare, na wobuu no animtiaa sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hintaw no, na yɛammu no hwee.” (Yesaia 53:3) Ebinom buu Yesu animtiaa esiane sɛ na onni gyinabea anaa anuonyam a na akannifo a wɔwɔ ne bere so no wɔ no bi nti. Nanso na ɔwɔ nyansa a ɛsen nnipa abɔnefo no biara de. Nkurɔfo a na wɔwɔ Yesu kurom no annye anni sɛ, “duadwumfo no ba” no na ɔdaa nyansa a ɛte saa adi na ɔyɛɛ anwonwade a ɛte saa no. Nanso na ɛno yɛ mfomso a ɛyɛ hu kɛse, efisɛ asɛm no kɔ so ka sɛ ‘wɔn gye a wonnye nni nti, Yesu anyɛ ahoɔdenne pii wɔ hɔ.’ Hwɛ sɛnea saa nkurɔfo no hweree ade!—Mateo 13:54-58.

Mommma yennni mfomso koro no ara bi. Yesu kae sɛ, “nyansa nam ne nnwuma so di bem.” Ɛnyɛ asetram gyinabea anaa dibea na ɛma wɔn a wɔreyɛ Onyankopɔn adwuma na wɔka ɔsoro nyansa kyerɛ no da nsow, na mmom “aba pa” a wɔsow—wɔn gyidi ne nnwuma a egyina Bible so no.—Mateo 7:18-20; 11:19.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena