Komam Ahoɔfɛ Som Bo Bere Nyinaa
KRISTONI PANYIN NOKWAFO BI KAE SƐ: “ABERANTE BI BU AHOƆFƐ SƐ ƆBRA PA.”
Yiw, efi bere tenten ni na nnipa atwe adwene asi honam ani ahoɔfɛ so, na ɛma wobu ani gu komam ahoɔfɛ so. Nanso yɛn Bɔfo no hwɛ nnipa ko a yɛyɛ wɔ komam, ɛmfa ho sɛnea yɛn honam ani hwɛbea te biara no. Wɔ saa kwan yi so no, ogyaw yɛn atɛmpa ho nhwɛso a edi mũ sen biara. Sɛnea Bible no kyerɛ no, Onyankopɔn ankasa kae sɛ: “Menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa, NW] de, ɔhwɛ komam.”—1 Samuel 16:7.
Adesamma ahoɔfɛ ankasa Fi Onyankopɔn nkyɛn, na N’asɛm da no adi sɛ, sɛ wɔresusuw obi ahoɔfɛ ankasa ho a, honhom mu su horow ne nea ɛsom bo titiriw. Bible no ka sɛ: “Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhude; ɔbea a osuro [Yehowa, NW] na wobeyi no ayɛ.” (Mmebusɛm 31:30) Nokwarem no, honam ani ahoɔfɛ a ɛtwetwe obi betumi akata komam su a ɛnyɛ fɛ so. (Ester 1:10-12; Mmebusɛm 11:22) Ɛwom sɛ honam ani ahoɔfɛ betumi asakra wɔ bere bi mu, nanso komam ahoɔfɛ—komam su ahorow betumi anyin na atra hɔ daa.
Hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yebenya su horow te sɛ ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne ahosodi! (Galatifo 5:22, 23, NW) Enti yebetumi anya komam ahoɔfɛ a ɛsom bo ankasa bere nyinaa no.—1 Petro 3:3, 4.