Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w02 1/15 kr. 32
  • Nneyɛe Pa Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nneyɛe Pa Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
w02 1/15 kr. 32

Nneyɛe Pa Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam

NOKWARE Kristofo nam wɔn abrabɔ pa ne wɔn nnwuma pa so de anuonyamhyɛ brɛ Nyankopɔn. (1 Petro 2:12) Yetumi hu eyi denam nea esii wɔ Italy nnansa yi no so.

Wɔ September 1997 mu no, asasewosow kɛse bi sii wɔ France ne Italy mantam no bi mu, ma ɛsɛee afie bɛyɛ 90,000. Yehowa Adansefo akuw bi yɛɛ ntɛm de mmoa kɔmaa wɔn mfɛfo gyidifo ne afoforo. Wɔde ɔdan a kar twe, nneɛma a wɔda so, sutof, afiri a ɛma anyinam ahoɔden ahorow, ne nneɛma afoforo a wobehia kɔboae. Nnipa pii huu mmoa a wɔde mae yi.

Atesɛm krataa bi a wɔfrɛ no Il Centro bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔn a wodii kan de mmoa kɔɔ mmeae a na asɛm asi wɔ hɔ no ne Yehowa Adansefo a wofi Roseto no [a ɛwɔ Teramo mansin no mu]. . . Nea ɛka mpae a wɔtaa hyiam bɔ ho no, wɔn a wodi nokware ma Yehowa no yɛ adwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so, de mmoa ma wɔn a wohu amane, a faako a wofi mfa ho.”

Nea ɔhwɛ Nocera Umbra, nkurow a ɔhaw no too wɔn kɛse paa no mu biako so no kyerɛw krataa kɔmaa Adansefo no sɛ: “Mifi koma nyinaa mu da mo ase wɔ mmoa a mode maa nnipa a wɔwɔ Nocera no ho. Migye di sɛ nea kurow mma no bɛka ara na maka akyerɛ mo no.” Afei nso, Ɔsoafo a Ɔhwɛ Ɔman no mu Nsɛm So no de abasobɔde a ɛfata maa Congregazione Cristiana dei Testimoni di Geova (Yehowa Adansefo Kristofo Asafo) de “dii adwuma ne nsiyɛ a wɔdaa no adi wɔ mmoa a na egye ntɛmpɛ a ɛho behiae wɔ Umgria ne Marche amantam mu a wɔde mae no ho adanse.”

Wɔ afe 2000 mu no, nsuyiri bi a ɛyɛ hu baa Piedmont mantam a ɛwɔ Italy atifi fam no mu. Ɛhɔ nso, Adansefo no yɛɛ ntɛm de mmoa kɔmae. Nnipa pii huu nnwuma pa yi nso. Piedmont Mantam no yɛɛ nkaedum bi de bɔɔ wɔn aba so wɔ wɔn “ho a wotu mae yɛɛ adwuma de boaa nnipa a wɔwɔ Piedmont a nsuyiri no kaa wɔn no.”

Yesu Kristo hyɛɛ n’asuafo no sɛ: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” (Mateo 5:16) Yehowa Adansefo fi anigye mu hyɛ Nyankopɔn anuonyam, ɛnyɛ wɔn ankasa ho, denam “nnwuma pa” a wɔyɛ boa wɔn mfɛfo honhom fam ne akwan foforo so no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena