Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w02 2/15 kr. 32
  • Dɛn na Ehia na Ama Obi Anya Ahonim Pa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Ehia na Ama Obi Anya Ahonim Pa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
w02 2/15 kr. 32

Dɛn na Ehia na Ama Obi Anya Ahonim Pa?

“ABAN Ahyɛ Sɛ Wonnye R$20,000.” Saa asɛmti nwonwaso yi puei wɔ Brazil atesɛm krataa Correio do Povo mu nnansa yi. Ná asɛmti no fa Luiz Alvo de Araújo, a ɔhwɛ hɔnom nkrataa amanae so a na watɔn asase ama aban no ho. Bere a Luiz de ne nsa hyɛɛ nhyehyɛe no ase wiei no, ne ho dwiriw no sɛ ohui sɛ sika a wotua maa no no aboro so R$20,000 (bɛyɛ $8,000, U.S.)!

Ná ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ ɔbɛsan de sika a ɛboroo so no akɔma wɔn. Bere a Luiz kɔɔ aban dwumadibea ahorow mu mpɛn pii a ankosi hwee no, wotuu no fo sɛ ɔnkɔpɛ mmaranimfo na wonsiesie asɛm no wɔ asɛnnibea. Ɔtemmufo a ɔkyerɛe sɛ aban no nnye sika no na ontua asɛnni no ho ka no kae sɛ: “Ɛda adi sɛ obi dii mfomso, na esiane sɛ ɛho nkrataasɛm dɔɔso nti, na obiara ntumi nhu ɔkwan a wɔbɛfa so adi nneɛma ho dwuma. Eyi yɛ asɛm bi a edi kan a afei na mahu bi.”

Luiz, a ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo no, kyerɛkyerɛ mu sɛ: “M’ahonim a mede Bible atete no no remma me kwan sɛ memfa biribi a ɛnyɛ me de. Ná ɛsɛ sɛ mebɔ mmɔden san de sika no kɔ.”

Nnipa pii bebu nneyɛe a ɛte saa sɛ ɛyɛ nwonwa anaasɛ wɔnte ase mpo. Nanso Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ nokware Kristofo bu no biribi a ɛsom bo ankasa sɛ wobekura ahonim pa mu bere a wɔne wiase atumfoɔ redi nsɛm no. (Romafo 13:5) Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobekura ‘ahonim pa mu na wɔabɔ wɔn bra yiye ade nyinaa mu.’—Hebrifo 13:18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena