‘Anyansafo Baasa No’—Ná Wɔyɛ Henanom?
Yɛtaa hu mmarima baasa bi a wɔhyɛ ntade yuu tete wɔn yoma so rekɔ mmoa dan a emu na Yesu da mmoa adididaka mu no ho wɔ Yesu awo ho mfonini ahorow mu. Wɔtaa frɛ nsrahwɛfo a wɔasiesie wɔn ho fɛfɛɛfɛ yi anyansafo baasa. Dɛn na Bible wɔ ka fa wɔn ho?
Sɛnea Bible kyerɛ no, na mmarima a wɔfrɛ wɔn anyansafo no ‘fi apuei fam,’ na ɛhɔ na wohui sɛ wɔawo Yesu. (Mateo 2:1, 2, 9) Ɛbɛyɛ sɛ egyee bere tenten ansa na saa mmarima yi redu Yudea. Bere a awiei koraa wohuu Yesu no, na ɔnyɛ akokoaa a wɔawo no foforo a ɔda mmoa adididaka mu bio. Mmom no, mmarima no huu Maria ne “abofra” no sɛ wɔwɔ fie bi mu.—Mateo 2:11.
Bible frɛ saa mmarima yi nkonyaayifo, anaa “nsoromma mu ahwɛfo,” (NW), na ɛnka wɔn dodow ho asɛm. The Oxford Companion to the Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea ɛma yehu sɛ na mmarima yi yɛ nkonyaayifo ne nsoromma mu ahwɛfo ne anigye a wɔkyerɛe wɔ nsoromma a ɛkyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ Betlehem ho no.” Bible kasa tia nkonyaayi biara ne Babilonfo nneyɛe a na ɛne sɛ wɔbɛbɔ mmɔden anya nsɛm afi nsoromma mu no koraa.—Deuteronomium 18:10-12; Yesaia 47:13.
Biribi pa bi amfi nsɛm a wɔde maa saa mmarima yi mu amma. Ɛkanyan Ɔhene Herode tirimmɔdenfo no abufuhyew. Eyi nso na ɛmaa Yosef, Maria, ne Yesu guan kɔɔ Misraim na wokunkum mmarimaa a “wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnya nni nyinaa” wɔ Betlehem no. Na Herode de ahwɛyiye ahu bere a wɔde bɛwo Yesu afi nsoromma mu ahwɛfo no hɔ. (Mateo 2:16) Esiane ɔhaw ahorow a wɔn nsrahwɛ no de bae nti, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ nsoromma a wohui ne nsɛm a wonya faa “Yudafo hene a wɔawo no” foforo ho no fi Onyankopɔn tamfo, Satan Ɔbonsam, a na ɔpɛ sɛ okum Yesu no nkyɛn.—Mateo 2:1, 2.