Wɔakae Yehowa Adansefo A Wokum Wɔn No
WƆ March 7, 2002 no, wobuee nkaedum bi a ɛwɔ Körmend kurow mu wɔ Hungary atɔe fam so. Wɔde kaee Yehowa Adansefo baasa bi a Nasifo kum wɔn wɔ afe 1945 mu no wu.
Wɔde nkaedum no afam ɔfasu a ɛwɔ mprempren odumgya adwumayɛbea ti wɔ Hunyadi Kwan so no ho, baabi a wokum wɔn wɔ baguam no. Wohyiraa nkaedum no so de kaee ‘Kristofo a wokum wɔn wɔ March 1945 mu esiane wɔn som mu ahonim nti no. Antal Hőnisch (1911-1945), Bertalan Szabó (1921-1945), János Zsondor (1923-1945), 2002, Yehowa Adansefo.’
Aka asram abien pɛ ma Wiase Ko II aba awiei no na wokum wɔn. Adɛn nti na wokum saa Kristofo yi? Hungary atesɛm krataa Vas Népe kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Hitler bedii tumi wɔ Germany akyi no, ɛnyɛ Yudafo no nko na otuu n’ani sii wɔn so na mmom Yehowa Adansefo nso sɛ, sɛ wɔampa wɔn som mu gyidi a wɔbɛtaa wɔn ayɛ wɔn ayayade, na wɔde wɔn begu nneduaban mu na wɔakum wɔn. . . . Wɔ March 1945 mu no, atirimɔdensɛm a ɛyɛ hu yiye kɔɔ so wɔ Hungary atɔe fam. . . . Ná atirimɔdensɛm no bi ne sɛ, wobetu Yehowa Adansefo afi kurow no mu na wɔakum wɔn.”
Wɔkyɛɛ dwumadi a wɔde bebue nkaedum no so no mu abien. Wɔyɛɛ ɔfã a edi kan no wɔ agoruhwɛbea a ɛwɔ Batthyány Aban Kɛse mu, a akasafo no binom ne Ɔbenfo Szabolcs Szita, a ɔyɛ Asoɛe a wɔyɛ Okunkɛse no ho Kyerɛwtohɔ so panyin wɔ Budapest; László Donáth, Mmarahyɛ Bagua a ɛhwɛ Hokwan Ahorow a Nnipa Wɔ, Mmusuakuw Nketewa ne Nyamesom Nsɛm so muni; ne Kálmán Komjáthy, a na ɔwɔ hɔ bere a wokum Yehowa Adansefo no a seesei ɔyɛ kurow no abakɔsɛm kyerɛwfo no. Nnipa bɛboro 500 a wohyiaam wɔ hɔ no nantew faa kurow no mu kɔɔ beae a na wɔbɛyɛ ɔfa a ɛto so abien no—baabi a na Körmend Kurow Sohwɛfo József Honfi bebue nkaedum no so no.
Wɔ Ján Žondor (János Zsondor) a ɔyɛ Ɔdansefo no krataa a ɔde dii nkra mu no, ɔhyɛɛ ne nuanom Kristofo mmarima ne mmea nkuran sɛ mma wonnni awerɛhow. Ɔkyerɛwee sɛ: “Meda so ara kae Yohane nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 2:10: ‘Di nokware kodu wu mu’ no. Ka kyerɛ wɔn a wɔwɔ fie no sɛ mma wonnni awerɛhow, efisɛ miwu ama nokware no na ɛnyɛ sɛ ɔsɛmmɔnedifo.”
[Mfonini wɔ kratafa 32]
Bertalan Szabó
[Mfonini wɔ kratafa 32]
Antal Hőnisch
[Mfonini wɔ kratafa 32]
Ján Žondor