Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 2/1 kr. 32
  • Nokwaredi—Eye, Na So Ɛno Nkutoo Dɔɔso?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokwaredi—Eye, Na So Ɛno Nkutoo Dɔɔso?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 2/1 kr. 32

Nokwaredi—Eye, Na So Ɛno Nkutoo Dɔɔso?

SO NOKWARE a yebedi wɔ yɛn da biara da asetram no ho hia ankasa? Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛkyerɛ “nokwaredi” mu sɛ “adeyɛ a nyaatwom nnim; nokwasɛm; asɛntrenee; ampayɛ.” Ɛda adi pefee sɛ, saa su yi boa ma yɛne afoforo nya abusuabɔ pa. Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Muntie mo honam fam wuranom asɛm ade nyinaa ho, ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom koma kronn [nokwaredi, NW] mu, sɛ wɔn a wosuro [Yehowa, NW].” (Kolosefo 3:22) Hena na n’ani rennye ho sɛ obenya ɔnokwafo a ɔte saa ma wayɛ adwuma ama no? Ɛnnɛ, ɛnyɛ den sɛ nnipa a wodi nokware betumi anya adwuma ayɛ na wɔakɔ so ayɛ a wonnyi wɔn adi.

Nanso, ade a ɛma nokwaredi ye kɛse ne sɛnea ɛka yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no. Tete Israelfo no nyaa Onyankopɔn nhyira bere a wɔde ahwɛyiye dii mmara horow so na wodii afahyɛ ahorow no. Bere a Paulo reka asafo no ahotew ho asɛm no, ɔhyɛɛ Kristofo nkuran sɛ: “Enti momma yɛnhyɛ fa, ɛnyɛ mmɔkaw dedaw no mu, nanso ɛnyɛ bɔneyɛ ne amumɔyɛ mmɔkaw mu, na mmom kronkronyɛ [nokwaredi, NW] ne nokware apiti mu.” (1 Korintofo 5:8) Sɛ yɛn som bɛsɔ Onyankopɔn ani a, nokware a yebedi nyɛ ade a eye kɛkɛ na mmom ɛyɛ ade a ɛho hia nso. Nanso, hyɛ no nsow sɛ nokware a yebedi nkutoo nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ egyina nokware so.

Ebetumi aba sɛ na wɔn a wɔhyehyɛɛ Titanic no gye di nokwarem sɛ po so hyɛn no ntumi ngu asu. Nanso, wɔ ne po so akwantu a edi kan wɔ 1912 mu no, ɛkɔpem asukyenee bi maa nnipa 1,517 hweree wɔn nkwa. Ebia na afeha a edi kan no mu Yudafo binom wɔ ɔkwan a wɔfa so som Onyankopɔn no mu gyidi nokwarem, nanso na wɔn mmɔdenbɔ no ‘nnyina nokware nimdeɛ so.’ (Romafo 10:2) Sɛ Onyankopɔn ani bɛsɔ yɛn a, ɛsɛ sɛ nea yefi yɛn koma mu gye di no gyina nokware so. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam no ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woahwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so asom Onyankopɔn wɔ nokwaredi mu a egyina nokware so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena