“Minyaa Biribiara a na Mihia”
SƐNEA Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde amanneɛbɔ bi kyerɛ no, mprempren wobu akontaa wɔ wiase nyinaa sɛ nnipa bɛboro ɔpepem 120 na wɔanya adwenemhaw. Afe biara, nnipa ɔpepem biako di wɔn ho dɔm na bɛyɛ ɔpepem 10 kosi 20 bɔ mmɔden sɛ wobekum wɔn ho. Mmoa bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔanya adwenemhaw? Ebia ayaresa bɛma amanehunu no ano abrɛ ase, nanso nkate fam mmoa ho hia. Bio nso, ebinom a wohu amane a ɛte saa no anya mmoa foforo a mfaso wɔ so afi Yehowa Adansefo nhoma horow a egyina Bible so no mu, sɛnea krataa a edi so a efi France kyerɛ no.
“Mmere kakra a atwam ni no, na minhu nea enti a ɛsɛ sɛ mekɔ so tra ase. Mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma minwu. Na ɛte sɛ nea meyɛ teaseawu. Mebɔɔ Yehowa mpae denneennen hwehwɛɛ akwankyerɛ. Misii gyinae nso sɛ mɛkenkan 2002 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no, na mede nnansa kan wiei. Nokwarem no, ɛhyɛɛ me nkuran yiye na ɛmaa me gyidi yɛɛ den.
“Meyɛɛ nhwehwɛmu wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma mu, na hwɛ sɛnea me ho dwiriw me! Makenkan nsɛmma nhoma yi daa bɛboro mfe 15 ni, nanso minhuu sɛnea emu nsɛm no hyɛ nkuran na ɛka koma saa da. Ɔdɔ ahyɛ mu ma—su a ɛho ayɛ na nnansa yi. Minyaa biribiara a na mihia.”
Bible no ka sɛ: “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.” (Dwom 34:18) Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔn a wɔn “koma abubu” anaasɛ wɔn “honhom apɛtɛw” betumi anya nkuranhyɛ ne daakye ho anidaso wɔ Bible no mu. Yehowa Adansefo kyekyɛ Bible ho nhoma ahorow de boa wɔn a ade ahia wɔn na wɔanya nsɛm a efi honhom mu a ɛma awerɛkyekye yi so mfaso.