Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 4/15 kr. 32
  • Adɔeyɛ Ho Hia Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɔeyɛ Ho Hia Dɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 4/15 kr. 32

Adɔeyɛ Ho Hia Dɛn?

BIBLE ka sɛ: “Onipa adɔeyɛ na ɛma wɔdɔ no.” (Mmebusɛm 19:22) Nokwarem no, ɔdɔ mu a wofi da ayamye adi no yɛ biribi a wɔkyerɛ ho anisɔ ankasa. Nanso, wɔ Bible mu no, asɛmfua “adɔeyɛ” no twe adwene si ayamye a egyina abusuabɔ bi a ɛwɔ hɔ dedaw so, te sɛ nea wɔda no adi esiane ayamye bi a onipa foforo daa no adi bere bi a atwam nti. Enti, nokwaredi ho asɛm wom.

Yuda hene Yoas antumi anna saa su titiriw yi adi. Ná ɔde ne sewaa ne ne wɔfa Yehoiada aseda ka kɛse. Bere a na Yoas nnii afe biako no, ne nanabea tirimɔdenfo yɛɛ ne ho ɔhemmaa, na okum Yoas nuanom a na wobedi ade no nyinaa. Nanso, wantumi ankum Yoas esiane sɛ ne sewaa ne ne wɔfa de no siee yiye nti. Wɔde Onyankopɔn Mmara nso kyerɛkyerɛɛ no. Bere a Yoas dii mfe ason no, ne wɔfa de tumi a ɔwɔ sɛ ɔsɔfo panyin no dii dwuma kum ɔhemmaa tirimɔdenfo no de Yoas sii agua so.—2 Beresosɛm 22:10–23:15.

Abofra Yoas dii hene ɔkwampa so kosii sɛ ne wɔfa no wui, nanso ɛno akyi no, ɔdan kɔɔ ahonisom so. Onyankopɔn somaa Sakaria, a na ɔyɛ Yehoiada ba, ma ɔkɔbɔɔ Yoas kɔkɔ wɔ ne wae no ho. Yoas ma wosii Sakaria abo. Nokware a wanni abusua a na ɔde wɔn ka kɛse bɛn ara ni!—2 Beresosɛm 24:17-21.

Bible ka sɛ: “Ɔhene Yoas ankae adɔe a [Sakaria agya] Yehoiada de yɛɛ no no, na okum ne ba no.” Bere a Sakaria rewu no, ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] nhwɛ na ɔntɔ so were.” Nea ɛne Sakaria nsɛm no hyia no, Yoas yaree yiye na n’ankasa asomfo kum no.—2 Beresosɛm 24:17-25.

Sɛ́ anka yɛbɛyɛ sɛ Ɔhene Yoas no, wɔn a wodi afotu yi akyi nyinaa benya daakye a ɛyɛ anigye: “Mma adɔe ne nokware nnnyaw wo; . . . Ɛnna wubenya ɔdom . . . Onyankopɔn ne nnipa anim.”—Mmebusɛm 3:3, 4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena