So Yehia Afoforo Ankasa?
NYANSAHUFO a wagye din Albert Einstein kae sɛ: “Sɛ yɛyɛ yɛn asetra ne nneɛma a yetumi yɛ mu nhwehwɛmu a, yebehu no ntɛm ara sɛ ɛkame ayɛ sɛ yɛdan afoforo wɔ biribiara a yɛyɛ ne nneɛma a yɛn ani gye ho nyinaa mu.” Ɔde kaa ho sɛ: “Yedi aduan a afoforo ayɛ, yɛhyɛ ntade a afoforo ayɛ, yɛtra adan a afoforo asi mu. . . . Ankorankoro biara wɔ nea ɔbɔ mu mmɔden na ne nkutoo ntumi nni biribiara ho dwuma esiane sɛ ɔyɛ obiakofo nti, na mmom ɔwɔ adesamma abusua kɛse bi mu a edi ne honam ne ne honhom fam ahiade ho dwuma fi awo mu kosi owu mu.”
Wɔ mmoadoma mu no, ɛyɛ nea yɛtaa hu sɛ wofi nkate mu ne wɔn ho wɔn ho bɔ. Asono bom yuu nantew, na wɔde ahwɛyiye hwɛ wɔn mma so. Gyatabere kɔhwehwɛ mmoa kyere wɔn na wɔne anini no we nam a wonya no. Abonsu bom di agoru na wotwitwa gye mmoa foforo anaa asuguarefo a nsu refa wɔn no.
Nanso, wɔ nnipa mu no, asetram nsɛm ho animdefo ahu su bi a ɛhaw adwene yiye. Sɛnea atesɛm krataa bi a wotintim no Mexico kyerɛ no, animdefo bi ka sɛ “mfe pii a nnipa bi de atew wɔn ho, ne nnipa dodow a wɔnyɛ nneɛma mmom bio no de ɔhaw kɛse abrɛ U.S. man no.” Atesɛm krataa no kae sɛ “na ɔman no yiyedi gyina asetram nsɛm mu nsakrae kɛse a wɔbɛyɛ so, na na nea eyi hwehwɛ ne sɛ ɔmanfo no bɛyɛ nneɛma abom.”
Saa ɔhaw yi agye ntini titiriw wɔ aman a wɔanya nkɔso mu. Nnipa dodow no ara na wɔde reyɛ wɔn su sɛ wɔbɛtew wɔn ho afi afoforo ho. Nnipa mpɛ sɛ ‘wɔne afoforo bɛyɛ nneɛma abom,’ na wɔmpɛ koraa sɛ ‘afoforo behu nea wɔyɛ.’ Wɔkyerɛ sɛ saa su yi ama adesamma abusua no hyia nkate fam haw ne adwenemhaw kɛse, na wodi wɔn ho dɔm mpo.
Ɛdefa eyi ho no, Ɔbenfo Daniel Goleman kae sɛ: “Afoforo a wɔne wɔn mmɔ—adwene a ɛne sɛ obi nni obi foforo biara a ɔbɛka n’ahiasɛm akyerɛ no anaa ɔne no benya abusuabɔ a emu yɛ den no—ma ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ yɛbɛyare anaa yebewuwu.” Amanneɛbɔ bi a wotintimii wɔ Science nsɛmma nhoma mu kae sɛ afoforo a wɔne wɔn mmɔ no ‘tumi kum nnipa te sɛ tawanom, mogya mmoroso, srade mmoroso, kɛse mmoroso, ne apɔw-mu-ateɛteɛ a yɛnyɛ ara pɛ.’
Ɛnde, esiane ntease ahorow nti, yehia afoforo ankasa. Yɛn nkutoo ntumi nyɛ nneɛma nyinaa. Enti yɛbɛyɛ dɛn atumi adi ankonamyɛ ho haw no ho dwuma? Dɛn na ama atirimpɔw aba nnipa pii asetram? Asɛm a edi hɔ no besusuw saa nsɛmmisa yi ho.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]
“Ɛkame ayɛ sɛ yɛdan afoforo wɔ biribiara a yɛyɛ ne nneɛma a yɛn ani gye ho nyinaa mu.”—Albert Einstein