Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 10/1 kr. 32
  • So ‘Woreto Ɔkafo Poma Ano Dade Anankoti’?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So ‘Woreto Ɔkafo Poma Ano Dade Anankoti’?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 10/1 kr. 32

So ‘Woreto Ɔkafo Poma Ano Dade Anankoti’?

WƆ BIBLE mmere mu no, na wɔde ɔkafo poma—abaa tenten bi a bere nyinaa na dade bi a ano yɛ nam hyɛ ano—na ɛkã mmoa a wɔtwe nneɛma no kyerɛ wɔn kwan. Sɛ aboa no yɛ asoɔden sɔre tia poma a wɔde ka no no denam pia a opia poma no so a, dɛn na efi mu ba? Sɛ́ anka obenya ahotɔ no, ɔde yaw mmom na ɛba ne ho so.

Yesu Kristo a wɔanyan no no kaa ɔkafo poma ho asɛm bere a oyii ne ho kyerɛɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saul a na ɔnam kwan so rekɔkyere Yesu asuafo no bi no. Saul tee sɛ Yesu rekasa fi hann bi a ano yɛ den mu sɛ: “Saul, Saul, adɛn nti na wotaa me? Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛto ɔkafo poma ano dade anankoti” no. Ná Saul nam Kristofo a ɔtaa wɔn no so reko atia Onyankopɔn ankasa, enti na ɔreyɛ biribi a ebepira n’ankasa mmom.—Asomafo no Nnwuma 26:14.

So ebetumi aba sɛ yɛn nso ‘yɛreto ɔkafo poma ano dade anankoti’ a yennim? Bible de “anyansafo nsɛm” toto akafo poma a ɛkanyan yɛn ma yɛpere fa ɔkwan pa so ho. (Ɔsɛnkafo 12:11) Onyankopɔn Asɛm mu afotu a efi honhom mu no betumi ahyɛ yɛn nkuran akyerɛ yɛn ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so—sɛ yɛma ho kwan a. (2 Timoteo 3:16) N’akwankyerɛ a yɛbɛko atia no bepira yɛn mmom.

Saul tiee Yesu nsɛm no, ɔsakraa n’akwan, na ɔbɛyɛɛ Kristoni somafo Paulo, a wɔdɔ no no. Saa ara na Onyankopɔn afotu a yebetie no bɛma yɛanya nhyira a ɛtra hɔ daa.—Mmebusɛm 3:1-6.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

L. Chapons/Illustrirte Familien-Bibel nach der deutschen Uebersetzung Dr. Martin Luthers

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena