Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w04 2/1 kr. 32
  • Ahonim Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahonim Pa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
w04 2/1 kr. 32

Ahonim Pa

DA BI, bere a Charles a ɔyɛ adwuma wɔ sukuupɔn bi mu wɔ Kenya refi adwumam akɔ fie no, ne telefon yerae. Wɔ Kenya no, saa nneɛma yi bo da so yɛ den.

Charles ka sɛ: “Na menhwɛ kwan sɛ mɛsan ahu.” Nanso, nna kakra bi akyi no, ne ho dwiriw no bere a Kenya Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no frɛɛ no wɔ telefon so no. Bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ ommegye ne telefon no, ɛyɛɛ no sɛ adaeso! Nea ɛbae ne sɛ, na Yehowa Dansefo bi a ɔyɛ bere nyinaa somfo nso te kar a na Charles te mu no mu, na ɔno na ohuu telefon no. Nea ɛbɛma Ɔdansefo no ahu telefon no wura no, ɔde kɔɔ wɔn adwumayɛbea ti hɔ na atuhoamafo a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no nso de nɔma a na ɛwɔ telefon no so no frɛɛ Charles.

Charles kyerɛwee wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa wɔn hɔnom Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no mu sɛ: “M’ani sɔ mmɔden a mobɔe na moamma ɔhaw ahorow a mofaa mu no ansiw mo kwan de hwehwɛɛ me no. Meda mo ahyehyɛde no mufo a wohuu telefon no na wɔhwehwɛɛ me de brɛɛ me no ase. Ɛyɛ den sɛ wobehu nokwaredifo nnɛ, nanso ɛhyɛ nkuran sɛ yɛwɔ nkurɔfo bi a wɔda wɔn ho adi sɛ nokware Adansefo ma Yehowa Nyankopɔn.”

Wonim Yehowa Adansefo wɔ baabiara sɛ wɔyɛ nokwaredifo. Wosuasua ɔsomafo Paulo a ɔkae sɛ: “Yenim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pa, pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu” no. (Hebrifo 13:18; 1 Korintofo 11:1) Sɛnea Yesu kae no, wonim sɛ su a ɛte saa no de anuonyamhyɛ brɛ Yehowa Nyankopɔn: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.”—Mateo 5:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena