“Ne Botae Ne Sɛ Ɛbɛma Wɔahu Yehowa Din”
WƆ WIASE nyinaa no, wɔkyerɛ anigye wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma ho, esiane Onyankopɔn som ho nsɛm a ɛwɔ mu ne nkyerɛkyerɛ a ɛsom bo a ɛde ma no nti. Bere a nsɛmma nhoma yi kenkanfo bi a ɔwɔ France resusuw eyi ho no, ɔkyerɛw krataa a edi so yi nnansa yi ara sɛ:
“Meyɛ ababaa, na meyɛ Afrikani, menkɔɔ sukuu nkɔɔ akyiri. Mifii ase kenkan mo nsɛmma nhoma ahorow no nkyɛe. Nsɛmpɔw a ɛwɔ mu a m’ani agye ho no rema mahu mfaso a ɛwɔ n’akenkan so. Esiane mo nsɛmma nhoma no nti, manya nsɛmfua pii a metumi de adi dwuma akyerɛw krataa a emu mfomso nnɔɔso.
“Ɛyɛ me nwonwa sɛ mokyerɛw biribiara ho nsɛm fa nnipa, asase, ne Ɔbɔadeɛ no ho. Nsɛm a mokyerɛw no mu da hɔ araa ma ɛma obi ani gye akenkan ho. Obiara nni hɔ a obetumi akyerɛkyerɛ nnipa ahorow nyinaa wɔ bere koro no ara mu gye sɛ mo.
“Me ho dwiriw me nso bere a mihu sɛ ɛnyɛ aguadi mu mfaso nti na mutintim eyinom nyinaa na mmom sɛ mode bɛma wɔahu Yehowa din nti no. Minim sɛ mowɔ Yehowa mpeneso, meda mo ase. Mesrɛ mo, monkɔ so nhwehwɛ ahoɔden mfi Ɔbɔadeɛ no hɔ na moatumi akyerɛkyerɛ.”
Mprempren, Yehowa Adansefo reyɛ wɔn Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no wɔ nsase 235 so. Wotintim Ɔwɛn-Aban no wɔ kasa ahorow 148 mu na wotintim Nyan! no nso wɔ kasa ahorow 87 mu. Wontintim saa nsɛmma nhoma ahorow yi mmfa nnyi onipa biara ayɛ. Wɔasiesie afotu a egyina Bible so ne nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de a ɛwɔ mu no sɛ ɛmfa anuonyamhyɛ mma Ɔbɔadeɛ no a ɔka sɛ: “Me [Yehowa, NW] . . . mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo” no. (Yesaia 48:17) Ɛmmra sɛ wubenya mfaso denam Kyerɛw Kronkron no ne nsɛmma nhoma ahorow yi a ɛboa ma wɔte Bible no ase a wobɛkenkan daa no so.