Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w04 8/1 kr. 32
  • “Yɛbɛpɛ Sɛ Yɛka Sɛ, ‘Yiw!’”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Yɛbɛpɛ Sɛ Yɛka Sɛ, ‘Yiw!’”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
w04 8/1 kr. 32

“Yɛbɛpɛ Sɛ Yɛka Sɛ, ‘Yiw!’”

YEHOWA ADANSEFO dwumadibea a ɛwɔ Nigeria no nsa kaa krataa bi a emu nsɛm no bi na edi so yi:

“Yɛn babarima Anderson dii mfe 14 na owui. Ansa na ɔrewu no na ɔyɛn nkokɔ abien. Ná ɔpɛ sɛ ɔtɔn wɔn na ɔde sika no kɔ dwumadibea hɔ ma wɔde boa wiase nyinaa asɛmpaka adwuma no. Nanso owui ansa na wɔretɔn nkokɔ no.

“Esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ɔde sika no kɔma dwumadibea no nti, yɛn a yɛyɛ n’awofo no yɛn nkokɔ no tɔn wɔn. Yɛde sika no rebrɛ mo sɛ Anderson ntoboa. Esiane Yehowa bɔhyɛ nti, yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ—ɛrenkyɛ koraa—yebehu Anderson bio. Na sɛ obisa yɛn sɛ yɛyɛɛ n’apɛde no a yɛbɛpɛ sɛ yɛka sɛ, ‘Yiw!’ Nokwarem no, yɛhwɛ kwan sɛ ɛnyɛ Anderson nko na yebehu no, na mmom yebehu ‘adansefo mununkum’ a wobenyan wɔn nso.”—Hebrifo 12:1; Yohane 5:28, 29

Sɛnea ada adi wɔ krataa a yɛaka ho asɛm no mu no, owusɔre mu gyidi yɛ anidaso a ɛhyɛ nokware Kristofo den. Hwɛ anigye ara mmusua ɔpepem pii te sɛ Anderson abusua no benya, bere a wɔma wɔn adɔfo a ɔtamfo a ɔne owu faa wɔn kɔe no akwaaba no!—1 Korintofo 15:24-26.

Onyankopɔn Asɛm ka owusɔre ho anidaso a ɛyɛ awerɛkyekye yi ho asɛm sɛ ɛyɛ anwonwade ahorow a ɛrenkyɛ ɛbɛbam wɔ wiase foforo a trenee bɛtra mu wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no mu biako. (2 Petro 3:13) Bible no ka nea Onyankopɔn bɛyɛ ama nnipa saa bere no ho asɛm sɛ: “Ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena