Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w04 9/1 kr. 32
  • Sɛnea Wubetumi Agyina Abasamtu Ano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wubetumi Agyina Abasamtu Ano
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
w04 9/1 kr. 32

Sɛnea Wubetumi Agyina Abasamtu Ano

SO W’ABAM abu? Nnipa pii na wɔn abam abu wɔ saa bere yi a ɔhaw ahyɛ mu ma na nnipa nhu nea wɔnyɛ wɔn ho yi mu. Ebinom abam abu efisɛ wonni adwuma yɛ. Afoforo nso regyina akwanhyia bi a ɛtoo wɔn ano. Nnipa foforo nso wɔ hɔ a wɔrehyia abusua mu haw, yare a emu yɛ den anaa wɔayɛ ankonam.

Sɛ w’abam abu a, ɛhe na wubetumi anya mmoa afi? Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase baabiara ahu sɛ, sɛ wɔkenkan Onyankopɔn Asɛm Bible no a, ɛma wonya awerɛkyekye. Wonya awerɛkyekye fi asɛm a ɔsomafo Paulo kae yi mu: “Ayeyi nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’agya a ɔyɛ mmɔborohunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.” (2 Korintofo 1:3, 4) Dɛn nti na wonkenkan eyi ne Bible mu nsɛm foforo mfi w’ankasa wo Bible mu? Sɛ woyɛ saa a, ‘ɛbɛkyekye wo werɛ na ahyɛ wo den.’—2 Tesalonikafo 2:17.

Sɛ yɛne wɔn a wɔsom Yehowa nso bɔ a, ɛbɛma yɛatumi agyina abasamtu ano. Mmebusɛm 12:25 ka sɛ: “Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛmpa ma koma tɔ yam.” Sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam a, yɛte saa “asɛmpa” a ɛyɛ “ɔkra adɔkɔdɔkɔde ne nnompe akwahosan” no. (Mmebusɛm 16:24) Dɛn nti na wonkɔ nhyiam a wɔyɛ wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so no bi na w’ankasa wunhu sɛnea nhyiam a ɛte saa no hyɛ den?

Wubetumi asan anya tumi a ɛwɔ mpaebɔ mu no so mfaso. Sɛ asetram dadwen bunkam fa wo so a, ka sɛnea wote nka ankasa wɔ wo koma mu no kyerɛ “Mpaebɔ tiefo” no. (Dwom 65:2) Yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn nim yɛn paa sen sɛnea yɛn ankasa nim yɛn ho mpo. Yebetumi de yɛn ho ato no so. N’asɛm no hyɛ yɛn bɔ sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.” (Dwom 55:22) Yiw, “wɔn a wɔtwɛn [Yehowa, NW] no nya ahoɔden foforo.”—Yesaia 40:31.

Yehowa Nyankopɔn ayɛ nsiesie a tumi wom a ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina abasamtu ano yiye ama yɛn. So wode bedi dwuma?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena