Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w04 9/15 kr. 32
  • ‘Monhwehwɛ Nea Ɔsɛ’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Monhwehwɛ Nea Ɔsɛ’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
w04 9/15 kr. 32

‘Monhwehwɛ Nea Ɔsɛ’

NA Damasko yɛ kurow a wodi yiye wom wɔ afeha a edi kan wɔ Yɛn Bere Yi mu. Na nnuaba turo atwa kurow no ho ahyia, na na ɛte sɛ akwantufo a wofi Damasko apuei fam reba. Yesu Kristo wui akyi bere tiaa bi no, wɔtew Kristofo asafo wɔ Damasko. Na asafo no mufo no bi yɛ Yudafo a ɛbɛyɛ sɛ wɔabɛka Yesu akyidifo no ho wɔ Pentekoste Afahyɛ bere no mu wɔ Yerusalem wɔ afe 33 Y.B mu no. (Asomafo no Nnwuma 2:5, 41) Na ɛbɛyɛ sɛ asuafo a wofi Yudea no bi atu aba Damasko bere a ɔtaa bae wɔ bere a wosiw Stefano abo no mu.—Asomafo no Nnwuma 8:1.

Bɛyɛ afe 34 Y.B. mu no, wɔde dwumadi soronko bi hyɛɛ Kristoni bi a wɔfrɛ no Anania a ofi Damasko nsa. Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre kɔ borɔn a wɔfrɛ no Tee no so, na kobisa obi a wɔfrɛ no Saulo a ofi Tarso no akyi kwan wɔ Yuda fi; na hwɛ ɔrebɔ mpae.”—Asomafo no Nnwuma 9:11.

Na borɔn a wɔfrɛ no Tee no tenten bɛyɛ kilomita 1.5 na na ɛnam Damasko kurow no mfinimfini. Afeha a ɛto so 19 mfonini a ɛwɔ kratafa yi mu no betumi ama yɛahu sɛnea na borɔn no te wɔ tete mmere no mu. Esiane borɔn no kɛse nti, na ebegye bere pii na Anania de ahwehwɛ Yuda fie. Nanso, Anania hui, na nea efi ne nsrahwɛ no mu bae ne sɛ Saul bɛdanee ɔsomafo Paulo, asɛmpa no ho dawurubɔfo a ɔyɛ nnam.—Asomafo no Nnwuma 9:12-19.

Yesu somaa n’asuafo no na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wɔnhwehwɛ nea asɛmpa no sɛ no.’ (Mateo 10:11) Ɛda adi sɛ, Saul titiriw na Anania kɔhwehwɛɛ no. Te sɛ Anania no, Yehowa Adansefo de anigye hwehwɛ wɔn a wɔsɛ na wɔn ani gye bere a nkurɔfo gye Ahenni ho asɛmpa no tom no. Mfaso wɔ mmɔden biara a wɔbɔ de hwehwɛ wɔn no so.—1 Korintofo 15:58.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Nnɛyi “borɔn a wɔfrɛ no Tee”

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

From the book La Tierra Santa, Volume II, 1830

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena