Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w04 12/1 kr. 30
  • Ɛyɛ Nkyerɛase a “Edi Mũ Paa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛyɛ Nkyerɛase a “Edi Mũ Paa”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
w04 12/1 kr. 30

Ɛyɛ Nkyerɛase a “Edi Mũ Paa”

AKONTAABU bi kyerɛ sɛ efi afe 1952 kosi 1990 no, wɔkyerɛɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ahorow 55 ase kɔɔ Engiresi kasa mu. Esiane sɛ ɛsono ɔkwan a kasa asekyerɛfo nyinaa fa so paw wɔn nsɛmfua nti, worentumi nnya nkyerɛase abien bi a ɛne wɔn ho wɔn ho hyia pɛpɛɛpɛ da. Nea ɛbɛyɛ a wobehu sɛnea nkyerɛase ahorow no di mũ fa no, obi a ɔkyerɛ nyamesom ho ade wɔ Northern Arizona Sukuupɔn mu wɔ Flagstaff, Arizona, U.S.A. a wɔfrɛ no Jason BeDuhn hwehwɛɛ nkyerɛase no mu atitiriw awotwe a na New World Translation of the Holy Scriptures a Yehowa Adansefo atintim no ka ho mu. Dɛn na ɔkae?

Ɛwom sɛ ɔne wɔn anyɛ adwene wɔ sɛnea wɔkyerɛɛ nsɛm no bi ase ho de, nanso BeDuhn kaa New World Translation no ho asɛm sɛ ɛyɛ nkyerɛase a “edi mũ paa” na “ɛyɛ papa” sen nkyerɛase a wɔyɛɛ mu nhwehwɛmu no pii. BeDuhn de baa awiei sɛ, New World Translation no “yɛ Apam Foforo a wɔakyerɛ ase akɔ Engiresi kasa mu seesei a edi mũ no mu biako,” na “nkyerɛase atitiriw awotwe a ɔhwehwɛɛ mu no, ɛno na edi mũ paa.”—Truth in Translation: Accuracy and Bias in English Translations of the New Testament.

BeDuhn san hyɛɛ no nsow sɛ na nhyɛso bi wɔ kasa asekyerɛfo no pii so sɛ “wɔmmɔ nsɛm no bi mua anaasɛ wɔnkyerɛ Bible no ase sɛnea nnɛɛmafo pɛ no.” Nanso BeDuhn hui sɛ New World Translation no yɛ soronko efisɛ “wɔde ahwɛyiye na ɛkyerɛɛ Apam Foforo akyerɛwfo no nsɛm no ase pɛpɛɛpɛ wɔ NW no mu.”

Sɛnea New World Bible Translation Boayikuw no agye atom wɔ wɔn adwuma no nnianim asɛm mu no, “ɛyɛ asɛyɛde kɛse sɛ” wobɛkyerɛ Kyerɛw Kronkron no ase afi mfitiase kasa mu akɔ nnɛyi kasa mu. Boayikuw no san ka sɛ: “Wɔn a wɔkyerɛɛ nsɛm yi ase, a wosuro Kyerɛw Kronkron no Kyerɛwfo a ɔwɔ Soro, na wɔsan dɔ no no hu sɛ wɔwɔ asɛyɛde soronko wɔ N’anim sɛ wɔkyerɛ ne nsusuwii ne ne nsɛm ase pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛfata.”

Efi bere a wotintim New World Translation of the Holy Scriptures mũ no nyinaa wɔ afe 1961 mu no, wɔakyerɛ ne nyinaa ase kɔ kasa horow 32 ne Anifuraefo Nkyerɛwee 2 mu. Wɔasan akyerɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no anaa “Apam Foforo” a ɛwɔ New World Translation mu no ase akɔ kasa 18 foforo ne Anifuraefo Nkyerɛwee biako mu. Yɛto nsa frɛ wo sɛ kenkan Onyankopɔn Asɛm a wɔde nnɛyi kasa a “edi mũ paa” akyerɛ ase no bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena