Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w05 2/1 kr. 32
  • “Monwɛn”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Monwɛn”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
w05 2/1 kr. 32

“Monwɛn”

TETE mmere mu no, na apon ano ahwɛfo na wɔwɛn kurow ne asɔrefie apon ano, na mmere bi wɔ hɔ nso a na wɔwɛn ankorankoro binom fie ma wɔn. Wɔ apon a na wɔhwɛ totom akyi no, na wɔsan yɛ awɛmfo. Ná eyi yɛ adwuma a emu yɛ duru efisɛ na kurow no ahobammɔ gyina teɛ a awɛmfo yi bɛteɛm de abɔ ɔmanfo no kɔkɔ bere a asiane bi reba no so.

Ná Yesu Kristo nim adwuma a apon ano ahwɛfo yɛ. Bere bi ɔde n’akyidifo no totoo apon ano ahwɛfo ho na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so nwɛn wɔ Yudafo nhyehyɛe no awiei a na ɛrebɛba no ho. Ɔkae sɛ: “Monhwɛ yiye, monwɛn . . . Na munnim da ko a bere no du. Ɛte sɛ onipa a watu kwan agyaw ne fi, . . . na wahyɛ ɔpon ano hwɛfo sɛ ɔnwɛn. Enti monwɛn! Na munnim da ko a ofiwura no bɛba.”—Marko 13:33-35.

Saa ara na Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma yi de bɛboro mfirihyia 125 akɔ so aka nkurahyɛsɛm, a Yesu kae sɛ “monwɛn” no ho asɛm. Ɔkwan bɛn so? Sɛnea wɔaka wɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 2 no, “Ɛkɔ so hwɛ sɛnea nsɛm a esisi wɔ wiase no ma Bible nkɔmhyɛ nya mmamu. Ɛde asɛmpa a ɛne sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛsɛe wɔn a wɔhyɛ wɔn mfɛfo so na ama asase adan paradise no kyekye nnipa nyinaa werɛ.” Wotintim Ɔwɛn-Aban a ɛba biara mfuamfua bɛboro 26,000,000 wɔ kasa horow 150 mu de kɔ wiase nyinaa, na ɛyɛ nyamesom nsɛmma nhoma ɛkɔ mmeae pii sen nyamesom nsɛmma nhoma biara. Te sɛ tete apon ano ahwɛfo no, Yehowa Adansefo nam nsɛmma nhoma yi so reka akyerɛ nnipa a wɔwɔ baabiara sɛ “monwɛn” wɔ honhom fam efisɛ ɛrenkyɛ Owura Yesu Kristo bɛba abebu wiase nhyehyɛe yi atɛn.—Marko 13:26, 37.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena